Nnwom 67 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Nnɔbaeɛ twa ho aseda dwomWɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dwom a wɔto no asankuo ano.

1 Num 6.24-25 Onyankopɔn, dom yɛn, na hyira yɛn,

te w’anim kyerɛ yɛn.

2Na ma wɔnhunu w’akwan wɔ asase so,

wo nkwagyeɛ amanaman nyinaa mu.

3 Dwom 117.1 Onyankopɔn, aman bɛyi wo ayɛ,

aman nyinaa bɛyi wo ayɛ.

4Aman ani bɛgye na wɔato ahosan nnwom,

sɛ wobu aman atɛntenenee

na wokyerɛkyerɛ asase so aman kwan.

5Onyankopɔn, aman bɛyi wo ayɛ,

aman nyinaa bɛyi wo ayɛ.

6 Dwom 65.9 Asase abɔ n’aduane, Onyankopɔn,

yɛn Nyankopɔn bɛhyira yɛn.

7 Dwom 33.8 Onyankopɔn bɛhyira yɛn,

na wɔn a wɔte asase ano nyinaa asuro no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help