1Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Fa twerɛpono kɛseɛ, na fa ɔdasani twerɛdua twerɛ so sɛ: Maher-salal-has-bas.
2Na mɛma adansefoɔ anokwafoɔ, Ɔsɔfoɔ Uria ne Yeberekia ba Sakaria adi me adanseɛ.
3Na mekɔɔ odiyifoɔbaa no ho, na ɔnyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabanin. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Frɛ ne din sɛ: Maher-salal-has-bas.
4Yes 7.16; 2 Ah 16.9; 15.29 Na abarimaa no nnya nhunuu agya anaa ɛna frɛ no, wɔbɛsoa Damasko ahoɔden ne Samaria asadeɛ adi Asiriahene anim akɔ.
5Na AWURADE toaa so ka kyerɛɛ me bio sɛ:
6Yes 30.15 Ɛsiane sɛ ɔman yi bu Siloa nsuo a ɛsene brɛɛ animtia na wɔn ho sane wɔn Resin ne Remalia ba no ho nti,
7hwɛ, AWURADE de asubɔnten no mu nsuo a ano yɛ den na ɛdɔɔso no reba wɔn so, Asiriahene ne n’animuonyam nyinaa; na ɛbɛba abɛforo ne suka nyinaa, na ayiri akata ne nsunoa nyinaa;
8Yes 7.14 na ɛbɛsene afa Yuda mu ayiri akɔduru kɔn mu, na ne ntaban mu trɛ aduru w’asase ano, O Imanuel.
9 Dwom 2 Aman, monka mo ho mmoa ano, na monnwerɛ ara,
asase a ɛwɔ akyirikyiri sofoɔ nyinaa, monyɛ aso,
mommia na monnwerɛ,
mommia na monnwerɛ.
10 Yes 8.8 Montu agyina na ɛbɛyɛ ɔkwa,
monka asɛm na ɛrennyina,
ɛfiri sɛ Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ.
Nyankopɔn mu gyidie ho kɔkɔbɔ11Na sɛɛ na AWURADE de nsa denden ka kyerɛɛ me, na ɔde teaa me sɛ mennante ɔman yi kwan so sɛ:
12Mommfrɛ adeɛ a ɔman no frɛ no etiresopam no nyinaa sɛ etiresopam, na deɛ wɔsuro nso monnsuro, na mo akoma nntu.
13Yes 29.23; Mat 10.28; 1 Pe 3.15 Asafo AWURADE no, ɔno na monyɛ no kronkron, na ɔno na ɔnyɛ mo suro ne mo akomatuo.
14Yes 28.16; Rom 9.33; 1 Pe 2.7-8 Na ɔbɛyɛ kronkronbea, nso ɔbɛyɛ suntiboɔ ne ɔwatiri botan ama Israel afie mmienu no nyinaa, na wayɛ kantankoraa ne fidie ama wɔn nyinaa, na wayɛ kantankoraa ne fidie ama wɔn a wɔte Yerusalem no.
15Na wɔn mu bebree bɛwatiri, na wɔahwehwe ase na wɔabubu, na wɔatotɔ mfidie mu na wɔayiyi wɔn.
16Kyekyere adanseɛ no, sɔ nkyerɛkyerɛ no ano m’asuafoɔ mu.
17Na mɛtwɛn AWURADE a ɔyi n’ani hunta Yakob fie no, na m’ani da ne so.
18Heb 2.13; Yes 7.3; 8.3 Hwɛ, me ne me mma a AWURADE ama me sɛ yɛnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ wɔ Israel mu no firi asafo AWURADE a ɔte Sion bepɔ soɔ no.
192 Ah 1.3 Na sɛ wɔka kyerɛ mo sɛ: Mommisa asamanfrɛfoɔ ne adunsinfoɔ a wɔde nnomaa su ne asutuo kasa no a, ɛnyɛ ɔman no Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wɔbisa ne hɔ adeɛ anaa? Awufoɔ hɔ na wɔmmisa adeɛ mma ateasefoɔ?
20Wɔnni mmara ne adanseɛ no akyi! Sɛ wɔanka no sɛdeɛ asɛm yi teɛ a, ɛnneɛ adeɛ renkye wɔn.
21Adi 16.9, 11 Na wɔbɛfa asase no mu akɔ, na ayɛ den ama wɔn na ɛkɔm ade wɔn; na ɛberɛ a ɛkɔm rede wɔn no, wɔn ho bɛyera wɔn, na wɔadome wɔn hene ne wɔn Nyankopɔn, na wɔadanedane wɔn ani akyerɛ soro,
22Yes 5.30 na wɔahwɛ fam nso; nanso hwɛ, ahohiahia ne sum nie, ahodwan kusuuyɛ, na wɔasum wɔn agu sum kabii mu.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.