Nnwom 136 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Nyankopɔn animuonyam wɔ abɔdeɛ ne abakɔsɛm mu

1 Dwom 106.1 Monna AWURADE ase, na ɔyɛ,

na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

2Monna anyame mu Nyankopɔn ase,

na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

3Monna awuranom mu AWURADE no ase,

na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

4Deɛ ɔno nko ara yɛ anwanwadeɛ akɛseɛ,

na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

5Deɛ ɔde nteaseɛ yɛɛ ɔsoro no,

na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

6Deɛ ɔde asase trɛɛ nsuo soɔ no,

na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

7 Gye 1.14-18 Deɛ ɔyɛɛ akanea akɛseɛ,

na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

8Owia, sɛ ɛnni adekyeeɛ so,

na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

9Ɔsrane ne nsoromma, sɛ ɛnni anadwo so,

na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

10 Dwom 78.51; 135.8-12 Deɛ ɔbobɔɔ Misraimfoɔ wɔn mmakan mu,

na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

11Na ɔyii Israel firii wɔn mu no,

na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

12Ɔde nsa a ɛyɛ den ne basa a watene mu na ɛyii wɔn,

na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

13Deɛ ɔtwitwaa Mmɛwa Po mu asinasini,

na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

14Na ɔde Israel faa mu,

na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

15Na ɔkaa Farao ne ne dɔm guu Mmɛwa Po mu,

na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

16Deɛ ɔgyaa ne man faa ɛserɛ soɔ,

na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

17Deɛ ɔbobɔɔ ahemfo akɛseɛ,

na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

18Na ɔkunkumm ahemfo animuonyamfoɔ,

na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

19Amorifoɔ hene Sihon,

na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

20Na Basan hene Og,

na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

21Na ɔde wɔn asase maa sɛ apɛgyadeɛ,

na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

22Ɔde yɛɛ n’akoa Israel apɛgyadeɛ,

na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

23Deɛ ɔkaee yɛn yɛn ahobrɛaseɛ mu,

na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

24Na ɔgyee yɛn firii yɛn ahohiahiafoɔ nsam,

na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

25 Dwom 145.15 Ɔma honam nyinaa aduane,

na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

26Monna ɔsoro Nyankopɔn ase,

na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help