1 bio, na mmom wɔbɛfrɛ wo Abraham, ɛfiri sɛ mayɛ wo aman pii agya.
6Na mɛma woadɔ pii pa ara, na mɛyɛ wo aman, na ahemfo afiri wo mu.
7Na mɛma me ne wo ne w’asefoɔ a ɛbɛdi w’akyire no apam agyina wɔ wɔn awoɔ ntoatoasoɔ mu, na ayɛ daa apam, na mayɛ wo ne w’asefoɔ a ɛbɛdi w’akyire no Nyankopɔn.
8
16Na mɛhyira no, na mama wo ne mu ɔba nso, ampa ara, mɛhyira no. Ɔbɛyɛ aman, na aman ahemfo bɛfiri ne mu.
17 Na mɛma me ne no apam no agyina ayɛ daa apam ama n’asefoɔ a ɛbɛdi n’akyire no.
20Gye 16.10; 21.13, 18; 25.16 Na Ismael ho deɛ, matie wo. Hwɛ, mɛhyira no, na mama no awo, na wadɔɔso pii pa ara. Atitire dummienu na ɔbɛwoɔ, na mayɛ no ɔman kɛseɛ.
21Na m’apam deɛ, me ne Isak a Sara bɛwo no ama wo afeda sɛsɛɛ no na ɛbɛpam ama no agyina.
22Gye 35.13 Na ɔne no wiee kasa no, Onyankopɔn firii Abraham nkyɛn kɔɔ ɔsoro.
23Na Abraham faa ne ba Ismael ne wɔn a wɔawo wɔn wɔ ne fie ne wɔn a ɔde ne sika tɔɔ wɔn nyinaa, Abraham fiefoɔ mu mmarima nyinaa, na ɔtwitwaa wɔn twetia da no ara, sɛdeɛ Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no.
24Na Abraham adi mfirinhyia aduɔkron nkron na wɔtwaa no twetia.
25Na ne ba Ismael adi mfeɛ dummiɛnsa na wɔtwaa no twetia.
26Da no ara na wɔtwitwaa Abraham ne ne ba Ismael twetia.
27Na ne fie mmarima nyinaa, wɔn a wɔwoo wɔn ne fie ne wɔn a wɔde sika totɔɔ wɔn wɔ ahɔhoɔ nkyɛn, wɔtwitwaa wɔn twetia kaa ne ho.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
