Gyenesis 47 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Yosef de n’agya ne ne nuanom mu bi kɔkyea Farao

1Na Yosef kɔka kyerɛɛ Farao sɛ: M’agya ne me nuanom ne wɔn nnwan ne wɔn anantwie ne deɛ wɔwɔ nyinaa firi Kanaan asase so aba, na hwɛ, wɔwɔ Gosen asase so.

2Na ɔde ne nuanom mu baanum kɔgyinaa Farao anim.

3 ɛfiri Misraim hyeɛ so kɔsi hyeɛ so.

22Gye asɔfoɔ nsase nko na wantɔ, ɛfiri sɛ na Farao ahyɛ kyɛfa bi ama asɔfoɔ no, na wɔdi wɔn kyɛfa a Farao de ma wɔn no nti, wɔantɔn wɔn asase.

23Na Yosef ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no sɛ: Monhwɛ, ɛnnɛ matɔ mo ne mo asase mama Farao, na hwɛ, mo aduaba a momfa nkɔdua asase no soɔ nie.

24Na deɛ ɛbɛsoɔ no, momfa nkyekyɛmu nnum mu baako mma Farao, na emu abupɛn nnan no nyɛ mo dea, na mode bi adua mfuo mu, na mode bi ayɛ mo ne mo fiefoɔ ne mo mma aduane.

25Na wɔse: Woagye yɛn nkwa; ma yɛnnya me wura anim adom ara, na yɛbɛyɛ Farao nkoa.

26Na Yosef hyɛɛ yei ho mmara wɔ Misraim a ɛwɔ hɔ de bɛsi nnɛ, sɛ wɔmfa Misraim asase so adeɛ biara nkyekyɛmu nnum mu baako mma Farao, gye asɔfoɔ asase nko na anyɛ Farao dea.

Yakob adesrɛ a ɛtwa toɔ

27 Gye 46.3; Eks 1.7, 12 Na Israel tenaa Misraim asase so wɔ Gosen, na wɔnyaa mu adeɛ, na wɔdɔree, na wɔn ase trɛɛ pa ara.

28Na Yakob tenaa Misraim asase so mfeɛ dunson, na Yakob nna, ne nkwa mfirinhyia, yɛ mfeɛ ɔha aduanan nson.

29 Gye 24.2 Na Israel nna duruu sɛ ɔbɛwuo no, ɔfrɛɛ ne ba Yosef ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ manya w’anim adom a, fa wo nsa ka m’asene mu, na yɛ me adɔeɛ di me nokorɛ, na nsie me Misraim!

30Gye 25.9-10; 49.29-32 Ɛda a mɛtoa nananom no, soa me firi Misraim kɔsie me wɔ me nananom amusieeɛ. Na ɔbuaa sɛ: Mɛyɛ sɛdeɛ woaka yi.

31Na ɔse: Ka me ntam. Na ɔkaa no ntam. Na Israel bɔɔ ne mu ase kyerɛɛ mpa no atifi.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help