Hesekiel 48 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Mmusuakuo no kyɛfa

1 Hes 47.15, 17 Na yeinom ne mmusuakuo no din: Ɛfiri atifi fam hyeɛ no so, Hetlon kwan nkyɛn mu a ɛrekɔ Hamat, Hasar-Enan, Damasko hyeɛ so, (deɛ ɛhwɛ atifi fam wɔ Hamat nkyɛn mu), na wɔnnya ano apueeɛ ne atɔeɛ, ɛno ne Dan, homa baako.

2Na deɛ ɛdi Dan hyeɛ soɔ ɛfiri apueeɛ de kɔ atɔeɛ no: Aser deɛ, baako;

3na deɛ ɛdi Aser hyeɛ soɔ firi apueeɛ de kɔ atɔeɛ no: Naftali deɛ, baako;

4na deɛ ɛdi Naftali hyeɛ soɔ firi apueeɛ de kɔ atɔeɛ no: Manase deɛ, baako;

5na deɛ ɛdi Manase hyeɛ soɔ firi apueeɛ de kɔ atɔeɛ no: Efraim deɛ, baako;

6na deɛ ɛdi Efraim hyeɛ soɔ firi apueeɛ de kɔ atɔeɛ no: Ruben deɛ, baako;

7na deɛ ɛdi Ruben hyeɛ soɔ firi apueeɛ de kɔ atɔeɛ no: Yuda deɛ, baako.

8 Hes 45.1-8 Na deɛ ɛdi Yuda hyeɛ soɔ firi apueeɛ de kɔ atɔeɛ no nyɛ mmasoɔ asase a momma soɔ no, ne trɛ nyɛ basafa mpem dummienu ne ahanum. Na ne ntwemu nyɛ sɛ kyɛfa no bi mfiri apueeɛ nkɔsi atɔeɛ, na kronkronbea no nna mfimfini.

9Mmasoɔ asase a monyi mma AWURADE no ntwemu nie: Susuo basafa mpem dummienu ne ahanum, na ne trɛ yɛ mpem du.

10Na wɔn a mmasoɔ asase kronkron yi nyɛ wɔn deɛ nie: Asɔfoɔ deɛ, atifi fam basafa mpem dummienu ne ahanum, atɔeɛ fam trɛ nyɛ mpem nnum, apueeɛ fam trɛ mpem nnum, na anafoɔ fam ntwemu mpem dummienu ne ahanum, na AWURADE kronkronbea no nna mfimfini.

11Hes 44.15 Ɛnyɛ asɔfoɔ a wɔayɛ wɔn kronkron, Sadok mma mu, a wɔayɛ me som adwuma no a wɔamfom, Israelfoɔ fom no mu, sɛdeɛ Lewifoɔ no fomeeɛ no,

12na wɔnnya asase no mmasoɔ mu deɛ wɔama soɔ, akronkronneɛ mu adekronkron, Lewifoɔ no hyeɛ ho.

13Na Lewifoɔ no nnya asɔfoɔ hyeɛ no nkyɛn mu ntwemu mpem dummienu ne ahanum na ne trɛ yɛ mpem nnum; ntwemu nyinaa nyɛ mpem dummienu ne ahanum, na ne trɛ nyɛ mpem nnum.

14Na wɔnntɔn mu bi, na wɔnnsesa, na wɔnnane asase no adeɛ a ɛdi kan no mmma, na ɛyɛ kronkron ma AWURADE.

15Na basafa mpem mmienu ahanum a ɛka ne trɛ mu, mpem dummienu ne ahanum no mu no nyɛ anihumafoɔ adeɛ mma kuro no sɛ wɔn tenabea ne ɛho asase, na kuro no nna mfimfini.

16Na ne nsusuiɛ nie: Atifi fam ano: Basafa mpem mmienu ahanu aduonum; na anafoɔ fam ano: Mpem mmienu ahanu ne aduonum; na apueeɛ ano: Mpem mmienu ahanu ne aduonum; na atɔeɛ fam ano: Mpem mmienu ahanu ne aduonum.

17Adi 21.16 Na kuro no nnya mmoa adidibea nsase: Basafa ɔha ne aduonu nnum atifi fam, ne anafoɔ, basafa ɔha ne aduonu nnum, ne atɔeɛ fam basafa ɔha ne aduonu nnum.

18Na deɛ aka wɔ mmasoɔ asase kronkron no nkyɛn mu, apueeɛ no, basafa mpem nnum ne atɔeɛ basafa mpem nnum no, ɛnna mmasoɔ asase kronkron no nkyɛn mu na ne nnɔbaeɛ nyɛ kuro no adwumayɛfoɔ aduane;

19na kuro no adwumayɛfoɔ deɛ, wɔbɛfiri Israel mmusuakuo nyinaa mu abɛyɛ so adwuma.

20Mmasoɔ asase no nyinaa yɛ basafa mpem dummienu ahanum, mmasoɔ asase kronkron no nyɛ ahinanan na ɛnka kuro no deɛ no ho.

21 Hes 45.7 Na nkaeɛ no nyɛ ɔberempɔn no deɛ, mmasoɔ asase kronkron ne kuro no deɛ no ho, ɛha ne ɛha, deɛ ɛda mmasoɔ asase no ho yɛ basafa mpem dummienu ne ahanum no ho kɔsi apueeɛ hyeɛ so, ne atɔeɛ fam deɛ a ɛda mpem dummienu ne ahanum no ho kɔsi atɔeɛ hyeɛ so ma no sesɛ mmusuakuo no kyɛfa soɔ no, ɛnyɛ ɔberempɔn no deɛ, na mmasoɔ asase kronkron ne asɔrefie no kronkronbea no nna ntam.

22Na ɛfiri Lewifoɔ no kyɛfa ne kuro no kyɛfa a ɛda ɔberempɔn no deɛ no ntam no soɔ, deɛ ɛda Yuda hyeɛ ne Benyamin hyeɛ ntam no nyɛ ɔberempɔn no deɛ.

23Na mmusuakuo a aka no deɛ nie: Ɛfiri apueeɛ de kɔ atɔeɛ no, Benyamin deɛ, baako;

24na deɛ ɛdi Benyamin hyeɛ soɔ firi apueeɛ de kɔ atɔeɛ no: Simeon deɛ, baako;

25na deɛ ɛdi Simeon hyeɛ so firi apueeɛ de rekorɔ no: Isakar deɛ, baako;

26na deɛ ɛdi Isakar hyeɛ soɔ firi apueeɛ de kɔ atɔeɛ no: Sebulon deɛ, baako;

27na deɛ ɛdi Sebulon hyeɛ so firi apueeɛ de kɔ atɔeɛ no: Gad deɛ, baako;

28Hes 47.19 na Gad hyeɛ a ɛwɔ anafoɔ fam a ɛkyerɛ nifa no so hyeɛ no mfiri Tamar mfa ɔham nsuo a ɛwɔ Kades ne Misraim subonhwa no nkɔsi Ɛpo Kɛseɛ no ano.

29Yei ne asase a momfa ntonto nkyɛ mma Israel mmusuakuo na wɔnni soɔ no, na yeinom ne wɔn kyɛfa, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

30Na yeinom ne kuro no ho apono: Atifi fam deɛ no nsusuiɛ yɛ basafa mpem mmienu ahanu aduonum;

31Adi 21.12-13 na kuro no aponkɛseɛ no wowɔ Israel mmusuakuo no din: Atifi fam aponkɛseɛ mmiɛnsa: Ruben ponkɛseɛ, baako; Yuda ponkɛseɛ, baako; Lewi ponkɛseɛ, baako.

32Na apueeɛ fam deɛ no: Basafa mpem mmienu ahanu aduonum ne aponkɛseɛ mmiɛnsa: Yosef ponkɛseɛ, baako; Benyamin ponkɛseɛ baako, ne Dan ponkɛseɛ no.

33Na anafoɔ fam deɛ no nsusuiɛ: Basafa mpem mmienu ahanu ne aduonum ne aponkɛseɛ mmiɛnsa: Simeon ponkɛseɛ, baako; Isakar ponkɛseɛ, baako; Sebulon ponkɛseɛ, baako.

34Atɔeɛ fam deɛ no: Basafa mpemnan ahanum, n’aponkɛseɛ mmiɛnsa: Gad ponkɛseɛ, baako; Aser ponkɛseɛ, baako, ne Naftali ponkɛseɛ no.

35Hes 43.7; Adi 21.3 Deɛ ɛtwa ho hyia yɛ basafa mpem nkron. Na ɛfiri da no, kuro no din ne: AWURADE wɔ hɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help