1Sɛ AWURADE seɛ nie:
Hwɛ merehwanyan ɔsɛefoɔ honhom
atia Babel
ne wɔn a wɔtete nnipa a wɔne me anya no mu,
2 Yer 15.7 na masoma nhusofoɔ akɔ Babel,
na wɔahu no so,
na wɔama n’asase ada mpan,
ɛfiri sɛ wɔbɛtwa ne ho ahyia,
ɛda bɔne no so.
3Deɛ ɔkuntunu ne tadua mu no,
ma taduakuntunfoɔ nkuntunu ne tadua mu ntia no, ne deɛ ɔma ne ho soɔ, ne dadeɛ nkataboɔ mu no.
Na monnnodo ne mmeranteɛ ho,
monsɛe ne dɔm nyinaa pasapasa.
4Na atɔfoɔ abɛgugu Kaldeafoɔ asase so,
na wɔn a wɔahwire wɔn mu agugu ne mmorɔno so.
5 Yes 54.4; Yer 50.11, 29 Na Israel ne Yuda
Nyankopɔn, asafo AWURADE no, nnyae wɔn.
Na wɔn deɛ, wɔn asase no, Israel Kronkronni no ho asodie ahyɛ so ma.
6 Yer 50.8; Adi 18.4; Yes 48.20 Monnwane mfiri Babel mu,
na mommema mo kra mfiri mu mfi,
na monnnwerɛ wɔ n’amumuyɛ mu,
na AWURADE aweretɔ berɛ nie,
ɔretua no ne nneyɛɛ so ka.
7 Yer 25.15; Adi 17.4; 18.3 Babel yɛ AWURADE nsam sika kuruwa
a ɛma asase nyinaa borɔ;
amanaman anom ne nsa no bi,
enti na amanaman abobɔ dam.
8 Adi 18.2 Mpofirim na Babel ahwe aseɛ na wɔabubu no.
Montwa ne ho agyaadwo,
momfa ne yea ano aduro mmra,
ebia wɔsa a, ɛbɛyɛ yie.
9Anka yɛresa Babel yadeɛ,
nanso ansa.
Monnya no mma yɛnkɔ
yɛn nsase so,
na n’atemmuo akɔduru ɔsoro,
na wɔama so de akɔduru wiem tɔnn.
10AWURADE ayi yɛn tenenee adi;
mommra mma yɛmmɛka
AWURADE yɛn Nyankopɔn nneyɛe wɔ Sion.
11 Yes 13.17; Yer 50.28 Monse agyan, monsɔ akyɛm mu!
AWURADE akanyan Media ahemfo honhom, na wabɔ Babel ho atirimpɔ sɛ ɔbɛsɛe no, na AWURADE aweretɔ, n’asɔrefie aweretɔ ne no.
12Monsi frankaa ntia Babel afasuo,
momma ɔwɛn mu nyɛ den,
momfa awɛmfoɔ nsisi hɔ,
monsiesie atɛfoɔ,
na AWURADE dwene ne tirim,
nso ɔreyɛ deɛ waka no Babelfoɔ ho no.
13 Adi 17.1 O, wo a wote nsuo bebree soɔ
a w’akoradeɛ dɔɔso no,
w’awieeɛ aba,
deɛ wɔasusuo a wɔbɛtwa no wo soɔ no aduru so.
14Asafo AWURADE aka ne ho ntam sɛ:
Ampa ara, mede nnipa bɛhyɛ wo ma sɛ mmɛbɛ,
na wɔabɔ wo so se.
15 Yer 10.12-16 Ɔno na ɔde ne tumi yɛɛ asase
de ne nyansa maa wiase timm hɔ,
na ɔde ne nhunumu
de ɔsoro trɛɛ hɔ.
16Aprannaa bom a, ɔma nsu dodoɔ ba ɔsoro,
na ɔma nsuwisie tu firi asase ano nohoa;
ɔyɛ anyinam ka osuo ho,
ɔtu mframa firi n’adekorabea hɔnom.
17Nnipa nyinaa yɛ nkwaseafoɔ a wɔnni nimdeɛ,
sikadwumfoɔ nyinaa ani wuwu ahoni ho,
ɛfiri sɛ wɔn agudeɛ yɛ atorɔ,
na ahome nni wɔn mu;
18wɔyɛ ahuhudeɛ nko, nnadaa adwuma,
wɔn asotwe berɛ mu no, wɔbɛyera.
19Yakob kyɛfa nte sɛ yeinom,
ɛfiri sɛ nnoɔma nyinaa yɛfoɔ ne no,
na Israel ne n’agyapadeɛ abusuakuo,
asafo AWURADE ne ne din.
20 Yer 50.23; Yes 10.5 Woyɛ me asaeɛ ne akodeɛ,
na mede wo mebobɔ amanaman,
na mede wo mesɛesɛe ahennie;
21na mede wo mebobɔ ɔpɔnkɔ ne ne sotefoɔ;
na mede wo mebobɔ teaseɛnam ne mutenafoɔ;
22na mede wo mebobɔ ɔbarima ne ɔbaa,
na mede wo mebobɔ akɔkoraa ne abɔfra,
na mede wo mebobɔ aberanteɛ ne ababaa;
23na mede wo mebobɔ odwanhwɛfoɔ ne ne nnwankuo,
na mede wo mebobɔ okuafoɔ ne n’anantwie mpamho,
na mede wo mebobɔ amradofoɔ ne ɔman mpanimfoɔ.
24 Yer 50.29 Na mɛtua Babel ne Kaldeafoɔ nyinaa nnebɔne a wɔde ayɛ Sion no nyinaa so ka, mo ani so, AWURADE asɛm nie.
25Hwɛ, me ne wo anya, bepɔ sɛefoɔ,
AWURADE asɛm nie,
wo a wosɛe asase nyinaa,
wo so na matene me nsa,
na mamunimuni wo afiri ɔbotan so,
na mayɛ wo bepɔ a ahyeɛ.
26Na wɔremfa wo mu ɔboɔ a wɔde bɛto ntweasoɔ
ne ɔboɔ a wɔde bɛto fapem,
na mmom wobɛdane daa amamfo,
AWURADE asɛm nie.
Babel asodie ne asotwe27 Yes 13.3; Gye 10.3 Monsi asase no so frankaa,
monhyɛne ntotorobɛnto amanaman mu;
monsiesie amanaman nkyere ne so sa,
monhyia Ararat, Mini ne Askenas
ahennie ntia no.
Monsi sahene ntia no,
momfa apɔnkɔ mmra sɛ mmɛbɛ kuro a wɔretu.
28Monsiesie amanaman nkyere ne so sa,
Media ahemfo, wɔn amradofoɔ ne wɔn amanpanin
ne wɔn ahennie nsase nyinaa.
29Na asase no woso na ɛpopo,
ɛfiri sɛ AWURADE tirimbɔ no ba mu, Babel ho,
sɛ ɔrebɛyɛ Babel asase amamfo a obiara nte soɔ.
30Babel nnɔmmarima agyae ko
tete wɔn aban mu,
wɔn mmaninyɛ to atwa,
wɔadanedane mmaa;
wɔato wɔn afie mu gya,
wɔabubu akyire adaban.
31Mmirikatuni tu mmirika hyia mmirikatuni,
ɔbɔfoɔ nam hyia ɔbɔfoɔ
sɛ ɔrekɔbɔ Babel hene amanneɛ,
sɛ wɔafa ne kuro, tia ne tia,
32na wɔagye asuo atwaeɛ,
na wɔde ogya ahye mmɛwa tadeɛ no,
na akofoɔ no ani atane.
33Na sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie:
Babel babaa te sɛ ayuporebea,
berɛ a wɔtiatia soɔ no.
Aka kakraa bi
na twaberɛ aduru ama no.
34Babelhene Nebukadnessar atete me,
wayam me,
ɔde me asi hɔ sɛ adeɛ a hwee nni mu.
Wamene me sɛ asuo mu bɔpɔn bi,
wayɛ me nnɔkɔnnɔkɔwadeɛ de me ahyɛ ne yafunu ma,
wapu me agu sɛ nsuo.
35Atirimuɔden a wɔbɔɔ me ne me honam no, wɔmfa mmisa Babel,
deɛ ɔte Sion no na ɔka saa;
na me mogya ngu Kaldeafoɔ so,
Yerusalem na ɔka saa.
36Enti sɛ AWURADE seɛ nie:
Hwɛ, meredi w’asɛm mama wo, na matɔ no were mama wo;
na mama ne po no mu awo,
na n’asubura awe;
37 Yer 50.13 na Babel ayɛ akuakuo
ne ɛserɛ so kraman tenabea,
ahodwirideɛ ne fɛdie,
na obiara rentena hɔ.
38Wɔn nyinaa bobom sɛ agyata,
wɔpopɔ so sɛ agyata mma.
39Sɛ wɔn ho yɛ wɔn hye a, mɛto wɔn nsapono,
na mama wɔabobo na wɔn ho asɛpɛ wɔn,
na wɔada daa nna,
na wɔannyane, AWURADE asɛm nie.
40Mɛtwe wɔn asiane sɛ nnwammaa a wɔrekɔkum wɔn,
sɛ adwennini ne mpapo nyinaa.
41 Yer 25.26 Sɛdeɛ wɔasi afa Sesak a ɛne Babel agye
asase nyinaa ayeyie no!
Sɛdeɛ Babel asi adane
amanaman mu ahodwirideɛ!
42Ɛpo abɛsram Babel so,
n’asorɔkyeɛ huuyɛ akata so.
43Ne nkuro adanedane amamfo,
asase pɛsɛɛ ne anwea pradada
asase a obiara nte soɔ
na onipa ba biara mfa soɔ.
44 Yer 50.2 Na mɛba mabɛtwe Bel aso, Babel hɔ,
na mayi deɛ wɔamene no afiri n’anomu,
na amanaman rensene nkɔ ne nkyɛn bio;
Babel afasuo nso ahwe ase.
45 Yer 51.6 Me man, momfiri adi mfiri ne mu,
na monnyegye mo kra
mfiri AWURADE abufuo mu gya no ano.
46Nso mommma mo akoma nntu, na monnsuro
akwansosɛm a wɔbɛte no asase soɔ no ho,
na akwansosɛm bɛba afe bi so,
na ɛno akyi afe no, akwansosɛm foforɔ bɛba:
Sɛ nhyɛsoɔ wɔ asase no so,
na deɛ ɔdi tumi sɔre tia deɛ ɔdi tumi.
47Ɛno nti hwɛ, nna bi reba
a mɛba mabɛbu Babel ahoni no atɛn,
na n’asase nyinaa ani awu,
na n’atɔfoɔ nyinaa ahwehwe ase wɔ so.
48 Adi 18.20 Na ɔsoro ne asase
ne deɛ ɛwom nyinaa bɛto Babel no ahurisie dwom,
na asɛefoɔ bɛfiri atifi fam aba ne so,
AWURADE asɛm nie.
49Babel nso, sɛdeɛ wɔmaa Israel atɔfoɔ hwehwee aseɛ no,
saa ara na Babel nso asase nyinaa so atɔfoɔ bɛhwehwe aseɛ.
50 Dwom 137.5 Mo a moafiri mu afiri afena ano no,
monnante nkɔ, monnnyina!
Momfiri akyirikyiri nkae AWURADE,
Yerusalem nso mmra mo akoma mu.
51Yɛn ani awuwu, na yɛate nsopa,
ahohora akata yɛn anim,
ɛfiri sɛ ananafoɔ aba
AWURADE fie akronkronneɛ no.
52Ɛno nti, hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm nie,
sɛ mɛba mabɛbu n’ahoni no atɛn,
na atɔfoɔ bɛpenepene
n’asase nyinaa so.
53Sɛ Babel foro kɔ ɔsoro mpo,
na sɛ ɔhyɛ n’aban a ɛkorɔn mu den sɛn ara a,
me nkyɛn ara na asɛefoɔ bɛfiri aba ne soɔ,
AWURADE asɛm nie.
54Wɔte nteamu firi Babel
ne agyaadwo kɛseɛ firi Kaldeafoɔ asase so.
55Na AWURADE resɛe Babel,
na wama gyegyeegye kɛseɛ no ayera wɔ mu.
Na wɔn asorɔkyeɛ yɛ huu sɛ nsuo bebree,
wɔn nne hooyɛ gyegye.
56 Deut 32.35 Na ɔsɛefoɔ ba ɔno
Babel so,
na wɔkyekyere ne nnɔmmarima,
wɔbubu wɔn tadua mu,
ɛfiri sɛ ananmuhyɛ Nyankopɔn ne AWURADE,
tua nso na ɔtua ka.
57 Yer 51.39 Na mɛma ne mmapɔmma ne n’anyansafoɔ
ne n’amradofoɔ ne ne man mpanimfoɔ ne ne nnɔmmarima abobo,
na wɔadeda daa nna a wɔrennyane,
ɔhene a ne din ne asafo AWURADE no asɛm nie.
58 Hab 2.13 Sɛ asafo AWURADE seɛ nie:
Babel afasuo a atrɛ tɛtrɛɛ no,
wɔbɛdwiridwiri ama aseɛ ada hɔ petee,
na kuro ano apono a ɛkorɔn no,
wɔde ogya bɛhye,
na aman adwuma a wɔyɛeɛ no ayɛ hunu,
na ogya ahye deɛ nkurɔfoɔ dodoɔ abrɛ ho no.
Babel so nnuabɔ59 Yer 36.4 Asɛm a Odiyifoɔ Yeremia de hyɛɛ Mahseia ba Neria ba Seraia ano, ɛberɛ a ɔne Yudahene Sedekia kɔɔ Babel, afe a ɛtɔ so nnan no mu; nso na Seraia di apiafohene.
60Na Yeremia twerɛɛ mmusuo a ɛbɛba Babel soɔ no hyɛɛ nwoma baako mu, nsɛm a wɔatwerɛ no Babel ho yi nyinaa.
61Na Yeremia ka kyerɛɛ Seraia sɛ: Sɛ woduru Babel a, hwɛ na kenkan nsɛm yi nyinaa,
62na ka sɛ: AWURADE, wo na woakasa atia ha yi sɛ wobɛtutu, a obiara rentena mu, ɛfiri nnipa so kɔsi afieboa so, na adane daa amamfo ara nko!
63Adi 18.21 Na sɛ wowie nwoma yi kenkan a, wode ɔboɔ akyekyere ho, na woato atwene Eufrate mu
64aka sɛ: Saa ara na Babel bɛmem a ɛrensɔre bio, mmusuo a mede mereba soɔ no nyinaa nti, na wɔawie sa.
Ɛha na Yeremia nsɛm no pem.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.