Yeremia 12 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Yeremia asɛmmisa ne n’abooboodie

1 Hiob 21.7; Dwom 73.3 O AWURADE, sɛ me ne wo bɔ nkuro a,

wodi bem ara;

nanso me ne wo bɛkasa ara:

Adɛn nti na abɔnefoɔ kwan si wɔn yie

na nkɔnkɔnsafoɔ nyinaa nso ho dwo wɔn?

2Wotɛ wɔn, na wɔgye nhini;

wɔnyinyini na wɔsoso aba nso;

wobɛn wɔn ano,

na wo ne wɔn akoma ntam twe.

3Nanso wo, AWURADE, wonim me;

wohu me; na wosɔ m’akoma hwɛ, sɛdeɛ ɛteɛ wɔ wo fam.

Tutu wɔn sɛ nnwan a wɔrekɔku wɔn,

na hyira wɔn so sie ma okum da.

4 Yer 9.10 Ɛnkɔsi da bɛn na asase no nni abooboo,

na afuom ahahan ntwintwam?

Ɛsofoɔ bɔne no nti

mmoa ne nnomaa awie sa,

ɛfiri sɛ wɔka sɛ: Ɔrenhunu yɛn awieeɛ.

5Sɛ wo ne anammɔnfoɔ mpo tu mmirika na wɔma wobrɛ a,

ɛnneɛ ɛbɛyɛ dɛn na wo ne apɔnkɔ bɛsi ammirikakane?

Na sɛ asase a ɛso da hɔ no so mpo, wohwe ase a,

ɛnneɛ wobɛyɛ dɛn Yordan kwaeɛ no mu?

6Na wo nuanom nso ne w’agya fie,

wɔn mpo twa wo nkontompo,

wɔn nso wɔteam denden di w’akyi;

sɛ wɔka nnɔkɔnnɔkɔsɛm kyerɛ wo a,

nnye wɔn nni.

7Magya me fie,

mato m’agyapadeɛ agu;

mede me kra dɔfoɔ

mahyɛ n’atamfo nsa.

8M’agyapadeɛ adane me

sɛ kwaeɛ mu gyata;

wama ne nne so atia me,

enti na makyiri no.

9M’agyapadeɛ adane me ɔkɔdeɛ a ɔda nso?

Akɔdeɛ atwa ho ahyia?

Monkɔ nkɔboaboa wiram mmoadoma nyinaa ano

mmra, na wɔmmɛdidi.

10Mmoahwɛfoɔ pii asɛe me bobeturo

atiatia me kyɛfa so,

wɔadane me kyɛfa fɛfɛ no

ayɛ no ɛserɛ pataa;

11wɔasɛe no pasaa,

ayɛ dwerɛbee di me ho abooboo;

wɔasɛe asase no nyinaa,

nso obiara nni hɔ a ɔde sie n’akoma mu.

12Asɛefoɔ aba

anwea pradada so mpampa nyinaa so,

na AWURADE afena retwitwa

afiri asase ano akɔsi asase ano;

asomdwoeɛ nni hɔ mma ɔhonam biara.

13 Deut 28.38; Hos 8.7 Wɔguu ayuo, na wɔtwaa nnwerɛ;

wɔbrɛe, na wɔannya mu hwee.

Na wɔn ani bɛwuwu mo nnɔbaeɛ ho,

AWURADE abufuhyeɛ no nti.

AWURADE bɛdom wɔn a wɔnu wɔn ho

14Sei na AWURADE ka no wɔn a wɔtete me ho no nyinaa ho: Nnipa bɔne a wɔde wɔn nsa aka agyapadeɛ a mede memaa me man Israel sɛ wɔnnie no, hwɛ, meretutu wɔn afiri wɔn asase so, na mɛtu Yuda fie afiri wɔn mu.

15Na ɛbɛba sɛ matu wɔn no akyiri no, mɛsane mahu wɔn mmɔbɔ, na mede wɔn nyinaa asane aba wɔn agyapadeɛ mu ne wɔn asase so mmaako mmaako.

16Yer 4.2; Deut 6.13 Na sɛ wɔbɛsua me man akwan yie, aka me din ho ntam sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ yi; sɛdeɛ wɔkyerɛɛ me man sɛ wɔnka Baal ntam no a; ɛnneɛ wɔbɛyɛne wɔn wɔ me man mu.

17Na sɛ wɔantie a, ɛnneɛ mɛtu saa ɔman no agu, mɛtutu na masɛe wɔn, AWURADE asɛm nie.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help