1 Samuel 28 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Saulo kɔ En-dor baa samanfrɛni nkyɛn

1Na saa berɛ no Filistifoɔ boaboaa wɔn dɔm ano sɛ wɔretu sa ne Israel akɔko. Na Akis ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Hunu pefee sɛ wo ne wo mmammarima no ne me na ɛbɛkɔ ɔsa yi.

2Na Dawid ka kyerɛɛ Akis sɛ: Ɛnneɛ wobɛhunu deɛ w’akoa bɛyɛ. Na Akis ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Ɔyɛ, me nso mede wo bɛyɛ me tiri wɛmfoɔ nna nyinaa.

3 1 Sa 25.1; Eks 22.18 Saa berɛ yi na Samuel awu ama Israel nyinaa asu no asie no Rama, ɔno ara ne kuro mu. Na Saulo atu asamanfrɛfoɔ ne asumanfoɔ nyinaa afiri asase no so.

4Na Filistifoɔ no boaboaa wɔn ano ba bɛkyeree nsraban Sunem. Na Saulo boaboaa Israelfoɔ nyinaa ano, na wɔkyeree nsraban Gilboa.

5Na Saulo hunuu Filistifoɔ nsraban no no, ɔsuroeɛ, na n’akoma tuu papaapa.

61 Sa 14.37; 23.9; Eks 28.30 Na Saulo kɔbisaa AWURADE, nanso daeɛ mu oo, Urim ntonto so oo, adiyifoɔ anomu oo, AWURADE ammua no.

7Aso 16.16 Ɛnna Saulo ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Monkɔhwehwɛ ɔbaa samanfrɛni bi mma me, na menkɔ ne hɔ abisa. Na ne nkoa no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, ɔbaa samanfrɛni bi wɔ Endor.

8Na Saulo sakyeraa ne ho hyɛɛ atadeɛ foforɔ, na ɔsii mu kɔeɛ a na nnipa baanu ka ne ho, na wɔduruu ɔbaa no nkyɛn anadwo; na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Fa ɔsamanfrɛ so hyɛ me nkɔm, na ma deɛ mɛbɔ ne din makyerɛ woɔ no mforo mmra mma me.

9Na ɔbaa no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, wo ara wonim deɛ Saulo ayɛ, sɛdeɛ watwitwa asamanfrɛfoɔ ne adunsinfoɔ afiri asase yi soɔ, na adɛn nti na woresum me kra fidie ama wɔaku me yi?

10Na Saulo kaa no AWURADE ntam sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ yi, worenni asɛm yi mu so biara.

11Ɛnna ɔbaa no kaa sɛ: Hwan na memma no mforo mmra mma woɔ? Na ɔse: Ma Samuel mforo mmra mma me.

12Na ɔbaa no hunuu Samuel no, ɔde nne kɛseɛ teaa mu; na ɔbaa no ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Adɛn nti na woadaadaa me yi? Na wone Saulo.

13Na ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Nsuro! Na ɛdeɛn na wohunu? Na ɔbaa no se: Onyame bi na mehunu sɛ ɔfiri asase mu reforo ba.

14Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ne su te sɛn? Na ɔse: Akɔkoraa bi a ɔhyɛ atadeɛ yuu na ɔreforo ba. Na Saulo hunuu sɛ ɛyɛ Samuel, na ɔbɔɔ ne mu ase koto sɔree no.

15Na Samuel ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Adɛn nti na wohaa me maa meforo baeɛ yi? Na Saulo buaa sɛ: Me ho hiahia me papaapa, na Filistifoɔ ne me reko, na Onyankopɔn apa m’akyi, na ɔmmua me bio; ɔmfa adiyifoɔ so, na ɔmfa daeɛ mu nso, enti na mafrɛ woɔ yi, sɛ kyerɛ me deɛ menyɛ.

16Na Samuel kaa sɛ: Adɛn nti na wonim sɛ AWURADE apa w’akyire na wadane wo tamfo na wobisa me adeɛ yi?

17Na AWURADE ayɛ sɛdeɛ ɔnam me so kaeɛ no, na AWURADE ahwam wo nsam ahennie no de akɔma wo yɔnko Dawid.

181 Sa 15.18-19 Ɛsiane sɛ woantie AWURADE nne na woanyɛ n’abufuhyeɛ so adeɛ Amalekfoɔ soɔ nti, na AWURADE ayɛ wo ɛso adeɛ nnɛ yi.

191 Sa 31.6 Na AWURADE de Israel nso ne wo bɛhyɛ Filistifoɔ nsa; na ɔkyena wo ne wo mma bɛba abɛka me ho, na AWURADE de Israel dɔm nso bɛhyɛ Filistifoɔ nsa.

20Ɛnna ntɛm ara Saulo hwee ase bankwaa birim, na Samuel nsɛm no nti ɔsuroo papaapa, nso na ahoɔden biara nni ne mu, ɛfiri sɛ na ɔnnidii da mu no nyinaa ne anadwo mu no nyinaa.

21Na ɔbaa no baa Saulo nkyɛn, na ɔhunuu sɛ wabɔ hu, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, w’afenaa atie wo, na mede me nkwa mato me nsam, na matie wo nsɛm a woka kyerɛɛ me no,

22na wo nso tie w’afenaa, na ma memfa paanoo sini memmɛsi w’anim, na di, na woanya ahoɔden de asi wo kwan so akɔ.

23Na wampene kaa sɛ: Merenni. Na ne nkoa ne ɔbaa no nso hyɛɛ no, na ɔtiee wɔn, na ɔsɔree firii fam tenaa mpa so.

24Nso na ɔbaa no wɔ nantwie ba a wadɔre wɔ efie hɔ, na ɔyɛɛ ntɛm kumm no, na ɔfaa esiam forɔe, na ɔde too apiti;

25na ɔde bɛsii Saulo ne ne nkoa no anim na wɔdiiɛ; na wɔsɔre sii mu kɔe anadwo no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help