1 Yes 41.8 Na afei tie, O m’akoa Yakob
ne Israel a mayi woɔ.
2 Deut 32.15; 33.5, 26 Sɛ AWURADE a ɔyɛɛ woɔ,
na ɔnwonoo wo firii yafunu mu, na ɔbɛboa woɔ no seɛ nie:
Nsuro, m’akoa Yakob,
ne Yesurun a mayi woɔ.
3 Yes 32.15; Yoel 2.28 Na mɛhwie nsuo agu asase a sukɔm de no no so,
na nsuwansuwa agu asase pɛsɛɛ so;
mɛhwie me honhom agu w’asefoɔ so,
na me nhyira agu wo mma so.
4Na wɔbɛfifi sɛ asuo ho serɛ,
sɛ nsunoa nnuaa, nsutene so.
5Oyi bɛse sɛ: Meyɛ AWURADE dea,
na oyi nso de Yakob din afrɛ ne ho;
na oyi nso bɛtwerɛ ne nsa ho sɛ: AWURADE dea,
na ɔde Israel din ato ne ho.
Abosonsom yɛ nkwaseasɛm6 Yes 41.4; 43.11 Sɛ AWURADE, Israel hene,
ne ne Gyefoɔ, asafo AWURADE seɛ nie:
Mene odikanfoɔ na mene okyidifoɔ,
na Onyankopɔn biara nni hɔ gye me nko.
7 Yes 41.22 Hwan na ɔte sɛ me? Ma no nka ɛ! Ma no mpae mu nka
mfa nsi m’anim.
Hwan na ɔfiri tete nteredee kyerɛɛ ɔman a mede bɛsi hɔ daa ne nnoɔma a ɛbɛba no?
Ma wɔnkyerɛ yɛn deɛ ɛbɛba no.
8Mommma mo akoma nntu, na monnsuro!
Ɛno ɛmfiri tete nteredee na memaa moteeɛ na mekaeɛ?
Na mone m’adansefoɔ.
Onyankopɔn bi wɔ hɔ sɛ me nko?
Na ɔbotan biara nni hɔ; mennim obiara.
9Ahoninwomfoɔ nyinaa yɛ ɔkwa, na deɛ wɔn ani gye ho no ho nni mfasoɔ; wɔn ara wɔn adansefoɔ nhunu adeɛ na wɔnnim, enti wɔn ani bɛwu.
10Yes 45.16; Yer 10.3-16; Dwom 115.4-8 Hwan na ɔnwonoo onyame bi na ɔguu ohoni bi a ɛho nni mfasoɔ?
11Yes 42.17 Hwɛ, ne mfɛfoɔ nyinaa ani bɛwu, na adwumfoɔ no nso yɛ nnipa; ma wɔn nyinaa nhyia nnyina hɔ, wɔn ho mpopo, na wɔn ani nwu.
12 Yes 40.18-20 Ɔtomfoɔ se n’adwinnadeɛ yɛ ogya mu adwuma na ɔde asaeɛ bɔ, na ɔde ne basa a ahoɔden wɔ mu yɛ ɛho adwuma; ɛkɔm de no na ahoɔden nni hɔ bio, ɔnnom nsuo a ɔtɔ piti.
13Duadwumfoɔ yere homa mu, ɔde pɛnsere sensane ho, ɔde adwinnadeɛ yɛ, na ɔde kɔmpase sensane ho, na ɔyɛ no ɔbarima nsɛso, onipa ahoɔfɛ so, sɛ ɛntena ɛdan mu.
14Obi kɔbu tweneduro, anaa ɔyi duaboɔ anaa odum wɔ kwaeɛ mu nnua mu ma no nyini ma no; ɔtɛ sennuro, na osuo ma no nyini;
15na ɛyɛ ogya ma onipa, ɔfa ebi to, ɔsɔ bi to paanoo; ebi mpo ɔde yɛ onyame sɔre no. Ɔde sene ohoni koto no.
16Ɔde gya hye fa, na ɛfa nso so na ɔtoto nam weɛ, ɔkye so nam di mee; ɔto gya no nso, na ɔse: Wiɛ, me ho ayɛ me hye, mahunu ogya!
17Na nkaeɛ no, ɔde yɛ onyame, ne ohoni. Ɔkoto no sɔre no bɔ no mpaeɛ, na ɔse: Gye me, me nyame ne wo!
18Wɔnnim na wɔnni nhunumu, na wasram wɔn ani so, na wɔanhunu adeɛ, ne wɔn adwene nso, na wɔante aseɛ;
19na obiara nnwene ho, na nimdeɛ biara nni hɔ, na nhunumu biara nni hɔ na wɔaka sɛ: Mahye ɛfa ogya mu, na mato ne nsramma so paanoo, na makye so nam adi; na nkaeɛ no, memfa menyɛ akyiwadeɛ? Dua sini na menkoto no anaa?
20Nso na ɔdie; wɔadaadaa n’adwene ama no ato kwan, na ɔntumi nnye ne kra, nso ɔnka sɛ: Ɛnyɛ atorɔ na ɛwɔ me nsa nifa mu yi?
Israel, mma wo werɛ mmfiri me!21 Yes 41.8; 44.2 Kae yeinom, Yakob
ne Israel, na m’akoa ne wo;
me na menwonoo woɔ, woyɛ m’akoa, O Israel.
Me werɛ remfiri wo.
22 Yes 1.18; 43.25 Mapepa wo mmarato sɛ mununkum,
ne wo bɔne sɛ suwisie.
Sane bra me nkyɛn, na magye wo.
23 Yes 49.13; 55.12; Dwom 96.11 Ɔsoro, monto anigyeɛ dwom, na AWURADE na wayɛ;
asase ase nohoa, mommɔ ose,
mompaepae ahurisie dwom mu, mmepɔ,
O kwaeɛ ne emu nnua nyinaa.
Na AWURADE agye Yakob,
na wahyɛ ne ho animuonyam, wɔ Israel mu.
Nyankopɔn nhyehyɛɛ no24Sɛdeɛ AWURADE, wo Gyefoɔ
ne deɛ ɔnwonoo wo firii yafunu mu no seɛ nie:
Me, AWURADE, mene deɛ ɔyɛɛ ade nyinaa,
deɛ ɔno nko ara twee ɔsoro mu no,
deɛ ɔtrɛɛ asase mu no, na obiara nka me ho;
25 Yes 29.14 deɛ ɔma adebisafoɔ nsɛnkyerɛnneɛ yɛ ɔkwa,
na ɔma nkɔmhyɛfoɔ yɛ nkwaseafoɔ;
deɛ ɔma anyansafoɔ sane akyire,
na ɔdane wɔn nimdeɛ nkwaseasɛm;
26deɛ ɔma n’akoa asɛm gyina,
na ɔma n’abɔfoɔ agyinatusɛm ba mu;
deɛ ɔka Yerusalem ho sɛ: Nnipa bɛtena mu!
ne Yuda nkuro ho sɛ: Wɔbɛkyekyere,
na mɛma n’akurofo so agyinagyina.
27 Eks 14.21; Yos 3.9-17 Deɛ ɔka kyerɛ ebunu sɛ:
We na mɛma wo nsutene awewe.
28 Yes 45.1; Esra 1.1-3 Deɛ ɔka Kores ho sɛ: Me dwanhwɛfoɔ nie,
na ɔbɛma me botaeɛ nyinaa aba mu,
na waka Yerusalem ho sɛ: Wɔbɛkyekyere!
ne asɔrefie nso sɛ: Wɔbɛto wo fapem!
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.