Mmebusɛm 5 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Adwamammɔ ho kɔkɔbɔ

1Me ba, tie me nyansa,

brɛ w’aso ase ma me nteaseɛ;

2na woahwɛ adwempa so,

na w’ano akora nimdeɛ.

3 Mmb 2.16-19 Na ɔbaa sansani ano kyi ɛwoɔ sosɔ,

na n’anomu yɛ toro sene ngo;

4na n’akyiri yɛ nwono sɛ ɔnwono,

ɛyɛ nnam te sɛ nkrantɛ anofanu.

5Ne nan siane kɔ owuo mu,

Asamando na n’anammɔn tutu korɔ.

6Nkwa kwan deɛ, ɔnkɔ ara da,

n’anammɔn kyinkyini kɔ deɛ ɔnnim hɔ.

7Na afei, me mma, montie me,

na monnyi mo ho mmfiri m’anomu nsɛm ho.

8Ma wo kwan mfiri ne ho nkɔ akyiri,

na mmɛn ne fie pono ano;

9na woamfa w’anidie amma ebinom,

ne wo mfeɛ amma otirimuɔdenfoɔ;

10na ahɔhoɔ anni w’adeɛ ammee,

na w’adwumadeɛ antena obi hunu fie;

11na wo nna a ɛdi akyire no, woampenepene,

sɛ wo nipadua ne wo honam asa,

12na woanka sɛ: Ao, sɛ metanee atenetene,

na m’akoma kyirii animka nie!

13na mantie m’akyerɛkyerɛfoɔ,

na mammrɛ m’aso ase mamma me nyansakyerɛfoɔ!

14Ɛkaa kumaa sɛ ɛsii me bɔne koraa,

asafo ne adwabɔ mu.

15Nom w’abura mu nsuo

ne nsuo a ɛsene firi wo nsutire mu.

16Wo nsuo aniwa bɛbu so afiri adi

ayɛ mmɔntene so asutene;

17ɛbɛyɛ wo nko ara wo dea,

na ɛnyɛ wo ne ahɔhoɔ biara dea.

18Ma w’abura nyɛ nhyira,

na wo ne wo mmeranteberɛ mu yerɛ ani nnye.

19 Ɔsɛ 9.9 Na ɔte sɛ ɔtwe bereɛ dɔfo ne animuonyam wansane no.

Ma ne mpokua nsɔ w’ani daa,

na tɔ ne dɔ mu ntintan daa nyinaa.

20Me ba, adɛn na wotɔ ɔbaa nanani ho ntintan,

na wosɔ ɔbaa hɔhoɔ kokom?

21Na onipa akwan da AWURADE anim

na ɔtaataa n’anammɔn nyinaa.

22Ɔbɔnefoɔ amumuyɛ sɔ ne mu,

na ne bɔne nhoma kye no.

23Ɔkwati atenetene nti ɔbɛwu,

na n’agyegyentwisɛm dodoɔ nti ɔbɛyera.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help