1Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:
2Lew 15.19 Kasa kyerɛ Israelfoɔ no sɛ: Sɛ ɔbaa bi nyinsɛn na ɔwo ɔbabanin a, ne ho nte nnanson te sɛ ne nsabuo nna mu a ne ho nteɛ no.
3Gye 17.11-12; Yoh 7.22; Luka 2.21 Na da a ɛtɔ so nwɔtwe no, wɔntwa abɔfra no twetia.
4Na ɔntena tannan mu adaduasa nnammiɛnsa n’ahodwira mogya mu; ɔnnka ade kronkron biara na ɔmmma kronkronbea hɔ kɔsi sɛ n’ahodwira nna bɛwie duro.
5Na sɛ ɔwo ɔbaa a, ne ho nte nnawɔtwe mmienu sɛ ne nsabuo nna mu, na ɔntena tannan mu adaduosia nnansia n’ahodwira mogya mu.
6 Lew 5.7 Na sɛ ahodwira nna no wie du ma ɔbabanin anaa ɔbabaa no a, ɔmfa odwanten ba a wadi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aborɔnoma ba anaa anyankuku a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ mmra ahyiaeɛ ntomadan no ano mmɛma ɔsɔfoɔ no.
7Na ɔmfa mmra AWURADE anim, na ɔmpata mma no, na ne ho nte mfiri ne mogyaguo no mu. Yei ne mmara a ɛda hɔ ma ɔbaa a wawo ɔbabarima anaa ɔbabaa no.
8Luka 2.24 Na sɛ ne nsa anso odwan ba so a, ɔmfa anyankuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu mmra mmɛma, baako nyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, na baako nso nyɛ bɔne ho afɔdeɛ, na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, na ne ho nte.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
