Yeremia 39 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Yerusalem asehweɛ

1 Yer 52.4-16; 2 Ah 25.1-12 Na wɔfaa Yerusalem, Yudahene Sedekia afe a ɛtɔ so nkron no bosome a ɛtɔ so du no so. Babelhene Nebukadnessar ne ne dɔm nyinaa baa Yerusalem bɛkaa no hyɛɛ mu.

2Sedekia afe a ɛtɔ so dubaako no bosome a ɛtɔ so nnan da a ɛtɔ so nkron mu na wɔburii kuro no,

3na Babel hene mmapɔmma nyinaa ba bɛtenaa mfimfini ponkɛseɛ no mu: Nergal-sareser, Samgar-nebo, Sar-sekim a ɔyɛ Rab-saris, Nergal-sareser a ɔyɛ Rab-mag, ne Babel hene mmapɔmma a aka no nyinaa.

4Na Yudahene Sedekia ne mmarima akofoɔ no nyinaa hunuu wɔn no, wɔdwanedwanee, na wɔfirii kuro no mu anadwo, nam ɔhene turom kwan so, faa ɔponkɛseɛ no mu, afasuo mmienu no ntam, na wɔfirii adi faa mpaperɛ mu kwan so kɔe.

5Na Kaldeafoɔ dɔm no tii wɔn, na wɔkɔtoo Sedekia Yeriko mpaperɛ so, na wɔfaa no de no foro kɔɔ Babelhene Nebukadnessar nkyɛn wɔ Ribla a ɛwɔ Hamat asase soɔ, na ɔbuu no atɛn wɔ hɔ.

6Na Babel hene kunkumm Sedekia mma n’anim wɔ Ribla; na Yuda adehyeɛ nyinaa nso, Babel hene kunkumm wɔn.

7Na ɔtutuu Sedekia ani, na ɔmaa wɔde kɔbere mfrafraeɛ mpokyerɛ guu no, sɛ wɔmfa no nkɔ Babel.

8Na ahemfie ne ɔmanfoɔ no afie deɛ, Kaldeafoɔ no de ogya hyee, na wɔdwiridwirii Yerusalem afasuo no.

9Na ɔman no nkaeɛ a wɔkaa kuro no mu ne awaefoɔ a wɔwae baa ne nkyɛn ne ɔman no nkaeɛ a wɔkaeɛ no, Ankɔbeahene Nebusaradan tuu wɔn kɔɔ Babel.

10Nanso Ankɔbeahene Nebusaradan gyaa ɔman no mu ahiafoɔ a wɔnni biribiara no mu bi wɔ Yuda asase no so, na ɔde bobe nturo ne mfofowa memaa wɔn da no.

Nebukadnessar bɔ Yeremia ho ban

11Na Babelhene Nebukadnessar hyɛɛ Ankɔbeahene Nebusaradan Yeremia ho sɛ:

12Fa no ma w’ani nku ne ho, na nyɛ no bɔne biara. Na sɛdeɛ ɔbɛka akyerɛ woɔ no, saa ara na yɛ ma no.

13Ɛnna Ankɔbeahene Nebusaradan ne Nebusasban, Rab-saris, ne Nergal-sareser, Rab-mag, ne Babel hene atitire no nyinaa

14Yer 38.28; 40.5-6 soma maa wɔkɔfaa Yeremia firii awɛmfoɔ abannwa mu baeɛ, na wɔde no maa Safan ba Ahikam ba Gedalia sɛ ɔmfa no mfiri hɔ nkɔ fie, na ɔkɔtenaa nkurɔfoɔ no mu.

Ebed-melek nhyira

15Na Yeremia da so da duam awɛmfoɔ abannwa no mu no, AWURADE asɛm baa ne nkyɛn sɛ:

16Yer 38.7 Kɔ na kɔka kyerɛ Etiopiani Ebed-melek sɛ: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Hwɛ, merema me nsɛm no aba mu kuro yi ho, na asi wɔn bɔne, na ansi wɔn yie, w’anim na ɛbɛba mu da no.

17Nanso ɛda no, mɛyi wo, AWURADE asɛm nie, na wɔremfa wo nhyɛ mmarima a wosuro wɔn no nsa.

18Hiob 5.20 Na firi na mɛma woafiri mu afire, na worentɔ afena ano; na wo kra bɛdane wo asadeɛ, ɛfiri sɛ wode wo ho too me so, AWURADE asɛm nie.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help