Nnwom 59 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Dwom a ɛtia nkɔnkɔnsaWɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Al-taset” sankuo nne so. Dawid abebuo dwom. Ɔtoo no berɛ a Saulo soma baa ne fie sɛ wɔnku no no.

1 1 Sa 19.11 Me Nyankopɔn, gye me firi m’atamfoɔ nsam,

bɔ me ho ban, wɔn a wɔsɔre tia me no ho.

2Gye me amumuyɛfoɔ mu,

na gye me nkwa firi mogyapɛfoɔ nsam.

3Na hwɛ, wɔtɛ me kra,

akokobirefoɔ boaboa wɔn ho ano tia me.

AWURADE, ɛnyɛ me mmarato anaa me bɔne nti.

4 Dwom 44.23 Ɛnyɛ amumuyɛ nti na wɔtu mmirika siesie wɔn ho.

Sɔre bɛboa me, na fa w’ani hwɛ.

5Na wo, AWURADE, asafo Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn,

nyane bɛhwɛ amanaman nyinaa,

nhunu amumuyɛfoɔ nkontompofoɔ mmɔbɔ.

6 Dwom 59.14 Wɔsane ba anwummerɛ,

wɔpɔ so sɛ akraman,

na wɔdi kuro mu kyinhyia.

7Hwɛ, wɔde wɔn ano woro kasa,

nkrantɛ wɔ wɔn ano, na “hwan na ɔteɛ?”

8 Dwom 2.4 Na wo, AWURADE, wosere wɔn,

wodi amanaman nyinaa ho fɛw.

9M’ahoɔden, wo na mehwɛ wo kwan,

na Onyankopɔn yɛ m’abankɛseɛ.

10 Dwom 54.7 Me Nyankopɔn de n’adom bɛhyia me,

Onyankopɔn bɛma mahunu deɛ mepɛ, m’atɛfoɔ ho.

11Nku wɔn, na me man werɛ amfi;

fa w’ahoɔden bɔ wɔn pansam, na fa wɔn hwe fam,

yɛn kyɛm ne wo, AWURADE.

12Wɔn anomu nsɛm yɛ nsɛmmɔne nko,

enti ma wɔnkye wɔn, wɔn ahantan mu,

ne nseɛ ne atorɔ a wɔdie no nti.

13Hye wɔn abufuo mu,

hye wɔn na wɔantena hɔ,

na ma wɔnhunu sɛ Onyankopɔn na ɔdi Yakob so hene

kɔsi asase ano.

14 Dwom 59.6 Na wɔsane ba anwummerɛ,

wɔpɔ so sɛ akraman

na wɔdi kuro mu kyinhyia.

15Wɔn deɛ, wɔdwane hwehwɛ aduane,

na sɛ wɔmmee a, wɔtena hɔ anadwo.

16Na me deɛ, mɛto w’ahoɔden ho dwom,

na mato w’adɔeɛ ho ahurisie dwom anɔpa,

sɛ woayɛ me abankɛseɛ

ne me hia da mu dwanekɔbea.

17M’ahoɔden, wo na mɛto wo dwom,

na Onyankopɔn ne m’abankɛseɛ,

m’adom Nyankopɔn.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help