Adiyisɛm 15 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Abɔfoɔ a wɔkurakura ɔhaw mmusuo a ɛtwa toɔ no

1 Adi 12.1; 12.3; 11.18 Na mehunuu nsɛnkyerɛnneɛ foforɔ bi a ɛso na ɛyɛ nwanwa ɔsoro: Abɔfoɔ baason a wɔkurakura ɔhaw mmusuo nson a ɛtwa toɔ a ɛno na ɛtwa Onyankopɔn abufuo no to.

2 Adi 4.6; 13.15; 13.18; 5.8 Na mehunuu biribi a ɛte sɛ ahwehwɛ po a egya fra mu. Na wɔn a wɔdii aboa no, ne ne honi, ne ne din akontahyɛdeɛ ho nkonim no gyinagyina ahwehwɛ po no ano kurakura Nyankopɔn nsankuo.

3Eks 15.1; 15.11; Adi 5.9; 5.12; Dwom 145.17; Yer 10.6-7 Na wɔto Nyankopɔn akoa Mose dwom ne Adwammaa no dwom sɛ:

Awurade Nyankopɔn, adeɛ nyinaa so tumfoɔ,

wo nnwuma yɛ akɛseɛ na ɛyɛ nwanwa.

Amanaman hene, w’akwan tene na ɛyɛ nokorɛ.

4 Dwom 86.9 Awurade, hwan na ɔrensuro woɔ

na ɔrenhyɛ wo din animuonyam?

Ɛfiri sɛ wo nko na woyɛ kronkron,

na amanaman nyinaa bɛba

abɛkoto w’anim,

ɛfiri sɛ w’atɛn tenenee ada adi.

5 Adi 11.19 Na yeinom akyiri no mehwɛe, na wɔahini adanseɛ ntomadan asɔredan no ɔsoro.

6Adi 1.13 Na abɔfoɔ baason a wɔkurakura ɔhaw mmusuo nson no firi asɔredan no mu firii adi, wɔhyehyɛ nwera fitafitaa a ɛhran, na wɔde sika abɔsoɔ abobɔ wɔn mu.

7Adi 4.6-8; 14.10 Na ateasefoɔ baanan no mu baako maa abɔfoɔ baason no sika nkuruwa nson a wɔde Nyankopɔn a ɔte ase daa daa no abufuo no ahyɛ mu mama.

8Eks 40.34; 1 Ah 8.10; Yes 6.4; Hes 44.4 Na wisie a ɛfiri Nyankopɔn animuonyam ne ne tumi no mu hyɛɛ asɔredan no ma, na obiara antumi ankɔ asɔredan no mu kɔsii sɛ wɔwiee abɔfoɔ baason no ɔhaw mmusuo nson no ansa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help