Eksodɔs 30 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Aduhwamhyeɛ bukyia(Eksodɔs 37.25-28)

1 Eks 37.25-28 Na yɛ aduhwamhyeɛ bukyia, okuo na fa yɛ.

2Ne tentene nyɛ anammɔn baako ne fa, na ne tɛtrɛtɛ nso nyɛ anammɔn baako ne fa, na ɛnyɛ ahinanan, na ne sorokɔ nyɛ basafa baako, na ne mmɛn nso ntuatua mu ara.

3Na fa sika amapa dura ɛso ne ɛho ne ne mmɛn no ho hyia; na yɛ sika hankra twa ho hyia.

4Na yɛ ɛho sika nkaa mmienu wɔ ne hankra no ase, wɔ n’afanu, na wɔmfa mpoma nwurawura mu, na wɔde asoa.

5Na fa okuo sene mpoma no, na duradura ho sika.

6Eks 25.22 Na fa si ntwamutam a ɛwɔ Adanseɛ adaka no ho no anim wɔ mpata adwa a ɛsi Adanseɛ no soɔ no anim, deɛ me ne wo bɛhyia hɔ no.

7Dwom 141.2; Adi 5.8 Aaron nhye so aduhwam daa anɔpa; ɔsiesie nkanea no a, ɔnhye aduhwam no.

8Na sɛ Aaron de nkanea no sisi so anwummerɛ a, ɔnhye aduhwam no: Ɛyɛ daa aduhwam a wɔnhye no AWURADE anim, mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

9Lew 10.1 Monnhye so aduhwam foforɔ biara, ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa aduane afɔdeɛ; na monnhwie ahwiesa nso nngu so.

10Lew 16.18; Eks 29.37 Na daa afirinhyia mu prɛko na Aaron mfa bɔne ho mpata afɔdeɛ mogya no bi mpata wɔ ne mmɛn no soɔ; daa afe ɔmpata wɔ so prɛko, mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. Ɛyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron ma AWURADE.

Akra mpata

11Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ:

12Sɛ wobu Israelfoɔ ano hwehwɛ wɔn dodoɔ a, wɔn kan yi mu no, wɔn nyinaa mfa wɔn kra mpata adeɛ mma AWURADE, na, sɛ wɔkan wɔn a, owuyadeɛ bi amma wɔn mu.

13Deɛ wɔmma nie: Obiara a wɔkan no fra dodoɔ a wɔkan wɔn no mu no mma dwetɛbena fa, sɛ kronkronbea dwetɛbena no teɛ, (dwetɛbena baako yɛ gera aduonu), dwetɛbena fa sɛ AWURADE mmasoɔ afɔrebɔdeɛ.

14Obiara a wadi mfeɛ aduonu ne akyire a wɔkan no fra dodoɔ a wɔkan wɔn no mu no mfa mmasoɔ afɔrebɔdeɛ yi mma AWURADE.

15Sɛ wɔde mmasoɔ afɔrebɔdeɛ no rema AWURADE de apata ama mo kra a, ɔdefoɔ nnto so, na ohiani nso nnte dwetɛbena fa no so.

16Na gyegye mpata sika no Israelfoɔ no nsam, na fa ma ahyiaeɛ ntomadan no mu som no, na ɛnyɛ Israelfoɔ no nkaeɛ, AWURADE anim, na wɔmfa mpata mma mo kra.

Kuduo

17Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ:

18Eks 38.8 Fa yaawa yɛ kuduo nso a n’ase nso yɛ yaawa, na wɔadware mu, na fa si ahyiaeɛ ntomadan no ne afɔrebukyia no ntam, na gu mu nsuo.

19Na Aaron ne ne mma mfa nhohoro wɔn nsa ne wɔn nan ho.

20Sɛ wɔrekɔhyɛne ahyiaeɛ ntomadan no mu a, wɔmfa nsuo nhohoro wɔn ho, na wɔanwuwu; anaasɛ wɔrebɛbɛn afɔrebukyia no abɛsom abɛbɔ ogya afɔdeɛ ama AWURADE a,

21wɔnhohoro wɔn nsa ne wɔn nan ho, na wɔanwuwu; na ɛnyɛ daa atorɔmudeɛ mma wɔn, ɔno ne n’asefoɔ, wɔn awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

Sra ngo

22Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ:

23Wo nso fa nnuhwam mu atitire, kurobo a anene nnwetɛbena ahanum ne dupapo hwanhwam saa fa, ahanu aduonum ne mmetire hwanhwam ahanu aduonum

24ne bɛwewonua hwanhwam ahanum, kronkronbea dwetɛbena so, ne ngodua ngo susutoa baako,

25Eks 37.29 na fa yɛ sra ngo kronkron, adufra a wɔafra no adufrafoɔ nyansa mu, na ɛnyɛ sra ngo kronkron.

26Na fa sra ahyiaeɛ ntomadan no ne Adanseɛ adaka no,

27ne ɛpono no ne ɛho nnoɔma no nyinaa ne kaneadua no ne ɛho nnoɔma no ne aduhwamhyeɛ bukyia no,

28ne ɔhyeɛ afɔrebukyia no ne ɛho nnoɔma nyinaa ne kuduo no ne ne ntaaseɛ no ho;

29Eks 30.10 na dwira ho ma no nyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron; obiara a ɔka no nyɛ kronkron.

30Eks 29.7 Na sra Aaron ne ne mma no ngo yɛ wɔn kronkron, na wɔnni me asɔfoɔ.

31Na ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ: Yei nyɛ sra ngo kronkron mma me, mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu;

32wɔnnhwie nngu onipa honam so; na monnsusu so nnyɛ bi a ɛte sɛ ɛno; ɛyɛ kronkron, enti ɛnyɛ kronkron mma mo.

33Obiara a ɔbɛfra bie a ɛte sɛ ɛno anaasɛ ɔde bi bɛka ɔhɔhoɔ no, wɔbɛtwa no afiri ne man mu atwene.

Aduhwam

34Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Fa nnuhwam, aneneduro ne nworahwam ne prɛkɛsɛ hwanhwam ne ohwamfufuo korɔgyenn, (wɔnsusu ne nyinaa pɛ),

35Eks 37.29 na fa yɛ aduhwam a wɔhyeɛ, adufrafoɔ nyansa so adufra a wɔaposa a ɛyɛ korɔgyenn ne kronkron.

36Eks 30.6 Na si bi fekɔfekɔ, na fa bi si Adanseɛ no anim ahyiaeɛ ntomadan no mu, deɛ me ne wo bɛhyia no: Ɛnyɛ mo akronkronneɛ mu ade kronkron.

37Na aduhwam a worebɛyɛ yi, monnsusu so nnyɛ bi mmfa nyɛ wo kronkron mma AWURADE.

38Obiara a ɔbɛyɛ bie a ɛte sɛ ɛno ahua ahwɛ no, wɔbɛtwa no afiri ne man mu atwene.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help