Amos NHYƐNMU - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

NHYƐNMUAmos ne odiyifoɔ a ɔdi kan wɔ Twerɛ Kronkron no mu a wɔtwerɛɛ ne nkyerɛkyerɛ nyinaa. Ɛwɔ mu sɛ ɔfiri Yuda kuro bi mu deɛ, nanso ɔkɔkaa asɛm no kyerɛɛ Israel amantifi Ahenkuro no mufoɔ, bɛyɛ mfeɛ ahanwɔtwe no mfimfini ansa na wɔrewo Kristo (B.C.). Na ɛyɛ ɛberɛ a ɔman no nyaa wɔn ho yie na mpo wɔyeree wɔn ho wɔ ɛsom a na wɔsusu sɛ ɛsɔ ani mu na ɛno nti wɔwɔ asomdwoeɛ. Nanso, odiyifoɔ no hunuu sɛ, ahonya ne yiedie no akɔdi adefoɔ no nkutoo nsam a wɔnam amimdie ne nhyɛsoɔ a wɔhyɛɛ ahiafoɔ no so nyaeɛ.Onyankopɔn mu nneyɛɛ no mfiri akoma mu, na asomdwoeɛ ne banbɔ nwie pɛyɛ sɛdeɛ ɛsɛ. Ɔde ayamhyehyeɛ ne akokoɔduro pae mu kaa Onyankopɔn asɛm sɛ: AWURADE bɛtwe ɔman no aso. Ɔpaee mu kaa sɛ: Atɛntenenee mpue sɛ asutene, na ɔkaa sɛ: “Ebia AWURADE, asafo Nyankopɔn bɛhunu Yosef nkaeɛ no mmɔbɔ” (5.15).EMU NSƐMAtemmuo a ɛbɛba aman a atwa Israelfoɔ ho ahyia no so 1.1—2.5Atemmuo a ɛbɛba Israelfoɔ so 2.6—6.14Anisoadehunu ahodoɔ nnum 7.1—9.15
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help