1 Dwom 38.1 Onyankopɔn, yɛ ntɛm bɛgye me,
AWURADE, yɛ ntɛm bɛboa me.
2Ma wɔn a wɔhwehwɛ me kra ani nwu
na wɔn anim ngu ase,
ma wɔn a wɔpɛ me bɔne nsane wɔn akyi
na wɔnnane ahohorafoɔ.
3Wɔn a wɔse “wiɛ, wiɛ” no,
ma wɔnsane wɔn akyi,
wɔn aniwuo akatua ho.
4Ma wɔn a wɔhwehwɛ woɔ nyinaa nni ahurisie
na wɔn ani nnye wo ho,
na ma wɔn a wɔdɔ wo nkwagyeɛ no nka daa sɛ:
Ma wɔnkamfo AWURADE kɛseyɛ.
5Na me deɛ, meyɛ mmɔbɔ, na meyɛ ohiani.
Onyankopɔn, yɛ ntɛm ma me.
Wone me boafoɔ ne me gyefoɔ,
AWURADE, ntwentwɛn wo nan ase.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
