1Na ɔrefiri asɔrefie hɔ no, n’asuafoɔ no mu baako see no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, hwɛ aboɔ bi ne aban bi!
2Na Yesu see no sɛ: Woahunu adan akɛseɛ yi? Wɔrennya ɔboɔ a ɛda ɔboɔ so a wɔrennwiri ngu fam.
Nnoɔma a ɛbɛdi akyire3Na ɔte Ngo Bepɔ no so asɔrefie ntentensoɔ no, Petro, Yakobo, Yohane ne Andrea bisaa no wɔ nkyɛn sɛ:
4Kyerɛ yɛn ɛberɛ ko a yeinom bɛyɛ hɔ, na yeinom nyinaa rebɛba mu a, ɛho nsɛnkyerɛnneɛ ne deɛn?
5Na Yesu fitii aseɛ see wɔn sɛ: Monhwɛ, na obi annaadaa mo.
6Nnipa bebree bɛba me din mu abɛka sɛ: Mene no, na wɔabɛdaadaa nnipa pii.
7Na sɛ mote ɔko ne akosɛm a, mommma mo akoma nntutu. Na ɛtwa sɛ ɛba, nanso na awieeɛ no nnya nnuruiɛ.
8Na ɔman bɛsɔre ɔman so na ahennie asɔre ahennie so, na asasewosoɔ bɛba mmeammea, na ɛkɔm bɛba. Yeinom ne awoɔko yea mfitiaseɛ.
Ɔtaa ne asɛmpa no ka(Mateo 10.17-22; Luka 21.12-17)9 Na mo deɛ, monhwɛ mo ho yie! Na wɔbɛyi mo ama mpanimfoɔ badwa, na wɔahwe mo hyia adan mu, na me nti wɔde mo bɛgyina amradofoɔ ne ahemfo anim na moadi adanseɛ akyerɛ wɔn.
10
12 Na onua bɛyi onua ama owuo, na agya ayi ɔba ama, na mma asɔre awofoɔ so, na wɔama wɔakum wɔn.
13Na me din nti, nnipa nyinaa bɛtane mo. Na deɛ ɔbɛgyina mu akɔduru awieeɛ no, ɔno na wɔbɛgye no nkwa.
Akyiwadeɛ a ɛbɔ ɔman14
18 Na mommɔ mpaeɛ na amma awɔ berɛ mu.
19
21 Na ɛno na sɛ obi se mo sɛ: Hwɛ, Kristo no wɔ ha! Anaasɛ: Hwɛ, ɔwɔ hɔ! no a, monnnye nnni.
22Na Kristo atorofoɔ ne adiyifoɔ atorofoɔ bɛsɔre, na wɔabɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ, na sɛ ɛbɛtumi a, wɔbɛdaadaa wɔn a wɔayi wɔn no mpo.
23Na mo deɛ, monhwɛ yie, ɛfiri sɛ, madi kan aka ne nyinaa akyerɛ mo.
Onipa ba no ba24 Na nna no mu ahohiahia no akyiri no,
owia bɛduru sum,
na ɔsrane renhyerɛn,
25 na ɔsoro nsoromma bɛtutu ahwe fam,
na ɔsoro ahoɔden awoso.
26 Na ɛno na wɔbɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔde tumi kɛseɛ ne animuonyam reba mununkum mu.
27
28 Monsua borɔdɔma ho bɛ no. Sɛ ne mman nya yɛ frɔmfrɔm, na ɛreyiyi ahahan a, na monim sɛ ahuhuro berɛ abɛn.
29Saa ara na mo nso, sɛ mohunu sɛ yeinom aba a, monhunu sɛ abɛn, na aduru apono ano!
30Nokorɛ mese mo sɛ: Awoɔ ntoatoasoɔ yi rentwam, gye sɛ yeinom nyinaa aba ansa.
31Ɔsoro ne asase bɛtwam, na me nsɛm deɛ ɛrentwam da.
32Na ɛda no ne dɔn no deɛ, obi nnim, abɔfoɔ a wɔwɔ soro nso nnim, Ɔba no nso nnim, gye Agya no nko.
33Monhwɛ yie, monwɛn, na mommɔ mpaeɛ! Na monnim ɛda ko a ɛberɛ no bɛduro.
34
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.