1Na Hiob gyee so sɛ:
2Ɛnnɛ na m’abooboodie mu ayɛ den,
na me pira ayɛ den asene m’apinisie.
3O, sɛ anka menya mehunu deɛ mɛhunu no,
na mekɔduru ne tenaberɛ ɛ!
4Anka mɛsiesie n’anim asɛnnie,
na mɛbisabisa no nsɛm ara yie.
5Anka mɛhunu nsɛm a ɔde bɛbua me,
na mahunu deɛ ɔbɛka akyerɛ me no mu.
6Tumi dodoɔ na ɔde ne me bɛham anaa?
Dabi, aso nko na ɔbɛyɛ ama me.
7Ɛhɔ na ɔteefoɔ ne no bɛyiyi no,
na mafiri me temmufoɔ nsam korakora.
8Hwɛ, mekɔ m’anim, nso ɔnni hɔ,
ne m’akyi, nso menhu no.
9Na ɔyɛ n’adeɛ benkum a, m’ani mmɔ no so,
ɔmane nifa a, menhu no.
10 Dwom 17.3; 139.23-24 Na ɔnim kwan a mefa soɔ.
Ɔsɔ me hwɛ a, mɛfiri mu sɛ sika mapa a wɔde afa ogya mu.
11N’anammɔn mu na me nan tintimiiɛ,
mahwɛ ne kwan, na mammane.
12N’anomu mmara, mamfiri ho,
makora n’anomu nsɛm sene deɛ ɛhia me.
13Nso ɔno deɛ, ɔnsakyera da, na hwan na ɔbɛsane no?
Na deɛ ɔpɛ, na ɔyɛ.
14Deɛ wahyɛ ama me na ɔbɛma no aba,
na adeɛ a ɛte seyie pii na ɛwɔ ne tirim.
15Enti ehu ka me n’anim,
medwene me tirim, na me ho popo wɔ ne ho.
16Na Onyankopɔn ama m’akoma abubu,
na Otumfoɔ ayi me hu,
17ɛfiri sɛ manyera esum no mu,
na wankata esum kabii no so m’anim.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
