1Ao, AWURADE, m’ahoɔden, medɔ wo.
2 Deut 32.4 AWURADE ne me botan ne m’abankɛseɛ ne me gyefoɔ,
me Nyankopɔn ne me botantim a medwane kɔtoa no,
me kyɛm ne me nkwagyeɛ abɛn, m’abantenten.
3Mesu mefrɛ AWURADE, ɔno a ɔfata sɛ wɔyi no ayɛ,
na wɔagye me m’atamfoɔ nsam.
4 Dwom 116.3 Owuo nhoma bebaree me ho,
na ɔsɛeɛ twi faa me so sɛ osuhweam.
5Asamando nhoma twaa me ho kɔntɔnkrɔn,
owuo afidie bɛhyiaa me.
6M’ahohia mu mesu mefrɛɛ AWURADE,
me Nyankopɔn, na meteaa mu mefrɛɛ no.
Ɔtee me nne n’asɔrefie,
na me su a mesu mekyerɛɛ no no kɔduruu n’aso mu.
7Ɛnna asase hinhimiiɛ na ɛwosoeɛ,
na mmepɔ nnyinasoɔ popoe, na ɛhinhimii,
ɛfiri sɛ na ne bo ahuru no.
8 Eks 19.13 Wisie tu firii ne hwenem,
na ogya a ɛhye adeɛ firii n’anomu,
nnyansramma dɛre firii ne mu.
9 Dwom 144.5 Na ɔkuntunuu ɔsoro mu, na ɔsii fam,
na esum kabii wɔ ne nan ase.
10 Dwom 99.1 Na ɔtenaa Kerub so na ɔtui,
na ɔde mframa ntaban tu bae afrɛ so.
11 Yes 50.3 Ɔde sum kataa ne ho hyiae;
n’asasewa yɛ osuo a amuna kusuu.
12Hann a ɛdi n’anim no
nnyansramma firi
ne mununkum no mu bae.
13Na AWURADE boom ɔsoro,
na ɔsorosoroni no maa wɔtee ne nne,
asukɔtweaa ne nnyansramma.
14 1 Sa 7.10 Na ɔtotoo n’agyan de bɔɔ wɔn hwetee
ne asraman bebree de tanee wɔn ani.
15Ɛnna ɛpo mu mmɔnka yiyii adie,
na wiase nnyinasoɔ ho daa hɔ,
ɛfiri w’ateatea, AWURADE,
ne wo hwene mu home hahyeehahyee no.
16 Dwom 144.7; 69.1-2 Ɔtenee ne nsa firi soro bɛfaa me,
ɔtwee me firii nsuo pii mu.
17Ɔgyee me firii me tamfo hoɔdenfoɔ
ne wɔn a wɔkyiri me nsam,
ɛfiri sɛ wɔsene me ahoɔden.
18Wɔbɛtoaa me m’amanehunu da no mu,
na AWURADE bɛyɛɛ me okyiritaafoɔ.
19 Dwom 18.36 Na ɔyii me kɔgyinaa deɛ ɛhɔ trɛ,
ɔgyee me, ɛfiri sɛ mesɔɔ n’ani.
20AWURADE tuaa me ka sɛdeɛ me tenenee teɛ,
sɛdeɛ me nsa ho a afire no teɛ na ɔtuaa me ho ka.
21Na manante AWURADE akwan so,
na menyɛɛ bɔne mennyaa me Nyankopɔn,
22 Deut 17.19 na mmom n’atemmudeɛ nyinaa wɔ m’ani so,
na memfirii n’ahyɛdeɛ ho.
23 Dwom 15.2 Na me ho nni asɛm wɔ n’anim,
na mehwɛɛ me ho so firii amumuyɛ ho.
24Na AWURADE atua me ka sɛdeɛ me tenenee,
sɛdeɛ me nsa ho a afire wɔ n’ani soɔ no teɛ.
25Ɔnokwafoɔ na wo ne no bɛdi no nokorɛ mu,
onipa a ɔdi mu na wo ne no bɛdi no mudie soɔ.
26Deɛ ɔte ne ho na wobɛte wo ho akyerɛ no,
na ɔkontonkyini deɛ, wokyinkyim wo ho kyerɛ no.
27 Hiob 22.29 Na wo na wogye ahobrɛasefoɔ,
na wobrɛ ahantanfoɔ ase.
28Na wo na woma me kanea derɛ,
AWURADE me Nyankopɔn te me sum mu.
29 Dwom 60.12 Na wo na mede wo meto mehyɛ ɛdɔm soɔ,
na mede me Nyankopɔn mehuri metra ɔfasuo.
30 Dwom 19.8 Na Onyankopɔn yi deɛ, ne kwan yɛ pɛpɛ,
AWURADE asɛm mu te,
ɔyɛ ɛkyɛm ma wɔn a wɔdwane kɔtoa no nyinaa.
31Na hwan ne Nyankopɔn sɛ AWURADE nko,
na hwan na ɔyɛ ɔbotan sɛ yɛn Nyankopɔn?
32Onyankopɔn a ɔde ahoɔden bɔɔ me abɔsoɔ,
na ɔma me kwan yɛ pɛpɛɛpɛ.
33Ɔyɛ me nan sɛ aforotebereɛ deɛ,
na ɔde me gyina me sorɔnsorɔmmea so.
34 Dwom 144.1 Ɔkyerɛ me nsa akodie,
na ɔma me basa kuntunu kɔbere mfrafraeɛ tadua.
35 Mmb 15.33 Na woama me wo nkwagyeɛ kyɛm,
na wo nsa nifa sɔɔ me mu,
na wo mmoa maa meyɛɛ kɛseɛ.
36 Dwom 31.8 Wotrɛɛ m’anammɔn mu m’ase,
na me nan anwatiri.
37Metii m’atamfoɔ, na metoo wɔn,
na mansane de kɔsii sɛ mewiee wɔn kum.
38Mebobɔɔ wɔn, na wɔantumi ansɔre,
wɔtotɔree me nan ase.
39Na wode ahoɔden bɔɔ me abɔsoɔ maa akodie,
wobrɛɛ wɔn a wɔsɔre tiaa me no ase hyɛɛ m’ase,
40na womaa m’atamfoɔ danee wɔn akyiri kyerɛɛ me,
na wɔn a wɔkyiri me no, mesɛee wɔn.
41 Mmb 1.28 Wɔsu frɛe a ɔgyefoɔ bi nni hɔ,
wɔfrɛɛ AWURADE, na wammua wɔn.
42Na mepɛkyɛɛ wɔn meyɛɛ wɔn sɛ mfuturo, mframa anim,
mesesaa wɔn meguu sɛ mmorɔno so dɔteɛ.
43Woyii me nnipa aperedie mu, wode me sii amanaman so ti,
ɔman a mennim wɔn na ɛsom me.
44Aso teeɛ ara pɛ, na wɔtiee me,
ananafoɔ brɛɛ wɔn ho ase maa me.
45Ananafoɔ twintwamee,
na wɔde ahopopoɔ fifirii wɔn huntabea bae.
46AWURADE te ase, na nhyira ne me botantim no.
Na me nkwagyeɛ Nyankopɔn no, wɔmma no so.
47Onyankopɔn a ɔtɔɔ were maa me,
na ɔde aman hyɛɛ m’aseɛ;
48wagye me afiri m’atamfoɔ mu,
aane, woama me so afiri wɔn a wɔsɔre tiaa me no mu,
woagye me awerɛmfoɔ nsam.
49 Rom 15.9 Enti, AWURADE, mɛda wo ase amanaman mu,
na mabɔ wo din mato ayeyie nnwom,
50 2 Sa 7.12-16 sɛ wone deɛ ɔma ne hene nkwagyeɛ soɔ,
na ɔyɛ deɛ wasra no no adɔeɛ,
Dawid ne n’asefoɔ daa.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.