Numeri 5 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Wɔyi wɔn a wɔn ho nteɛ

1Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

2Lew 13.46; 15.2 Hyɛ Israelfoɔ no na wɔntu akwatafoɔ nyinaa ne wɔn a wɔn ho sene gu nyinaa ne obiara a ɔde efunu agu ne ho fi no mfiri nsraban no mu.

3Num 12.14; 35.34 Ɔbarima ne ɔbaa na montu no, nsraban no akyi na montu wɔn nkorɔ, na wɔangu mo nsraban a mete mu wɔ mo mu no ho fi.

4Israelfoɔ no yɛɛ saa, na wɔtuu wɔn kɔɔ nsraban no akyi; sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ Mose no, saa na Israelfoɔ no yɛeɛ.

Asodideɛ

5Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

6Lew 6.2-7 Kasa kyerɛ Israelfoɔ no sɛ: Ɔbarima anaa ɔbaa yɛ bɔne tia onipa bi de fom AWURADE a,

7ɔmpae mu nka wɔn bɔne a wɔayɛ no, na ɔntua n’asodideɛ no abotene mfa abupɛn nnum mu baako nto so, na ɔmfa mma onipa a wayɛ bɔne atia no no.

8Na sɛ onipa no awu na ɔnni busuani a ɔbɛn no bi ara a wɔde asodideɛ no bɛma no a, wɔmfa asodideɛ a ɛyɛ AWURADE dea no, wɔmfa mma ɔsɔfoɔ no nka mpata dwennini a wɔde rebɛpata ama no no ho.

9Num 18.8 Na mmasoɔ adeɛ biara Israelfoɔ no akronkronneɛ a wɔde brɛ ɔsɔfoɔ no nyinaa, nyɛ ne deɛ.

10Na obiara akronkronneɛ yɛ ɔsɔfoɔ no dea; deɛ obiara de ma ɔsɔfoɔ no yɛ ne dea.

Ninkuntwe ho asɛm

11Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

12Kasa kyerɛ Israelfoɔ na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ ɔbarima bi yere firi n’akyi na ɔkɔfom no,

13na ɔbarima bi ne no da na sɛ wammɔ so ankyerɛ ne kunu, na ne kunu no nnim sɛ ne ho agu fi na ɛho danseni nni hɔ, na wɔankye no wɔ so,

14na ninkuntwe honhom ba ɔbarima no so na ɔtwe ne yere no ho ninkunu, na ɔbaa no agu ne ho fi ampa, — anaasɛ ninkuntwe honhom ba ne so na ɔtwe ne yere ho ninkunu na ɔbaa no nguu ne ho fi a,

15ɛnneɛ ɔbarima no mfa ne yere no mmra ɔsɔfoɔ no anim. Na ɔmfa ɔbaa no ho ayɛyɛdeɛ, atokosiam olonka abupɛn du mu baako mmra: Ɔnngu so ngo nanso ɔnnto so ohwamfufuo, na ɛyɛ ninkunu ho aduane afɔdeɛ, nkaeɛ aduane afɔdeɛ a wɔde kae amumuyɛ.

16Na ɔsɔfoɔ no mfa ɔbaa no mmra mmɛgyina AWURADE anim.

17Eks 30.18 Na ɔsɔfoɔ no nsa nsu kronkron ngu kukuo bi mu, na ɔnsa tenabea hɔ fam mfuturo bi, na ɔmfa ngu nsuo no mu;

18na ɔsɔfoɔ no mfa ɔbaa no nnyina AWURADE anim, na ɔnyi ne tiri so akatasoɔ, na ɔmfa nkaeɛ aduane afɔdeɛ a ɛne ninkuntwe aduane afɔdeɛ nhyɛ ne nsam, na ɔsɔfoɔ no nkura nsu nwononwono a ɛde nnome ba no ne nsam.

19Na ɔsɔfoɔ no mma no nni nse na ɔnka nkyerɛ ɔbaa no sɛ: Sɛ ɔbarima bi ne wo nnae, na sɛ womfirii wo kunu akyiri nkɔguu wo ho fi a, wo ho bɛyɛ tɔtorɔtɔɔ afiri nsu nwononwono a ɛde nnome ba yi ho;

20na sɛ woafiri wo kunu akyi, na sɛ wo ho agu fi na woama obi ho aka wo sɛ wo kunu a, —

21ɛno deɛ, ɔsɔfoɔ no mma ɔbaa no nni saa nse yi, na ɔsɔfoɔ no nka nkyerɛ ɔbaa no sɛ: AWURADE mfa wo nyɛ nnome ne ntam, wo man mu, sɛ AWURADE bɛma w’asrɛ atotɔ mu na wo yafunu ahonhon;

22na nsuo a ɛde nnome ba yi ahyɛne wo nsono mu ahonhon wo yafunu na w’asrɛ atotɔ mu! Na ɔbaa no nka sɛ: Amen, Amen!

23Na ɔsɔfoɔ no ntwerɛ nnome yi ngu nwoma so, na ɔnhohoro ngu nsu nwononwono no mu,

24na ɔmma ɔbaa no nnom nsu nwononwono a ɛde nnome ba no, na nsuo a ɛde nnome ba no nkɔ ne mu nkɔyɛ nwononwono.

25Na ɔsɔfoɔ no nnye ɔbaa no nsam ninkuntwe ho aduane afɔdeɛ no, na ɔnhim aduane afɔdeɛ no AWURADE anim, na ɔmfa mpini afɔrebukyia no;

26na ɔsɔfoɔ no mfa aduane afɔdeɛ no nsa ma nyɛ nkaeɛ adeɛ, na ɔnhye wɔ afɔrebukyia no so, na ɛno akyiri no, ɔmma ɔbaa no nnom nsuo no.

27Na sɛ ɔma no nom a, na sɛ, wagu ne ho fi na wayɛ ne kunu bɔne a, ɛnneɛ nsuo a ɛde nnome ba no bɛhyɛne ne mu akɔyɛ no nwono, na ne yafunu ahon na n’asrɛ atotɔ mu, na ɔbaa no adane nnome, ne man mu.

28Na sɛ ɔbaa no ho nguu fi na ne ho te a, ɛnneɛ ne ho bɛyɛ tɔtorɔtɔɔ, na wanya mma.

29Yei ne ninkuntwe ho mmara. Sɛ ɔbaa bi firi ne kunu akyi kɔgu ne ho fi

30anaasɛ ninkuntwe honhom ba ɔbarima bi so na ɔtwe ne yere ho ninkunu a, ɔmfa ɔbaa no mmɛgyina AWURADE anim, na ɔsɔfoɔ no nyɛ no sɛdeɛ mmara yi hyɛ nyinaa.

31Na ɔbarima no ho bɛyɛ tɔtorɔtɔɔ afiri amumuyɛ no ho, na ɔbaa no asoa n’amumuyɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help