1 2 Be 2 Na Tirohene Hiram somaa ne nkoa maa wɔbaa Salomo nkyɛn, ɛberɛ a ɔtee sɛ wɔasra no ngo asi no hene n’agya ananmu; ɛfiri sɛ Hiram dɔɔ Dawid daa.
2Na Salomo soma maa wɔkɔɔ Hiram nkyɛn sɛ:
3Wo ara wonim m’agya Dawid sɛ ɛdɔm a ɛtwaa ne ho hyiaeɛ nti, wantumi ansi ɛdan amma AWURADE ne Nyankopɔn din de kɔsii sɛ AWURADE de wɔn hyɛɛ ne nan aseɛ.
4Na afei AWURADE me Nyankopɔn ama me ɔhome afa nyinaa; ɔtamfoɔ biara nni hɔ, na asiane biara nni hɔ.
52 Sa 7.13 Na hwɛ, mese merebɛsi ɛdan mama AWURADE me Nyankopɔn din, sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ m’agya Dawid no sɛ: Wo ba a mede no bɛsi w’ananmu atena w’adwa soɔ no, ɔno na ɔbɛsi ɛdan ama me din.
6Na afei hyɛ na wɔmmu ntweneduro mfiri Lebanon mma me, na me nkoa bɛba abɛka wo nkoa ho, na mede wo nkoa apaadeɛ bɛma wo, sɛdeɛ wobɛka nyinaa; na wo ara wonim sɛ obi nni yɛn mu a ɔnim nnuabuo sɛ Sidonfoɔ.
7 1 Ah 10.9 Na Hiram tee Salomo nsɛm no, n’ani gyee sɛ, na ɔkaa sɛ: Nhyira nka AWURADE nnɛ, sɛ wama Dawid ɔba nyansafoɔ de no asi ɔman kɛseɛ yi soɔ.
8Na Hiram soma maa wɔbaa Salomo nkyɛn sɛ: Mate deɛ enti wosoma maa wɔbaa me nkyɛn no; me deɛ, mɛyɛ deɛ wopɛ nyinaa ntweneduro nnua ne papea nnua fam.
9Me nkoa de bɛfiri Lebanon asiane aba mpoano, na makyekyere no ntɛneani ɛpo so mabɛduru deɛ wobɛma wɔaka akyerɛ me no, na masanesane no hɔ, na wo nso woama wɔabɛfa akɔ. Na wo nso yɛ deɛ mepɛ ma me, sɛ wobɛma me fie aduane.
10Ɛnna Hiram maa Salomo ntweneduro ne papea nnua sɛdeɛ ɔpɛ nyinaa.
11Na Salomo maa Hiram ayuo susukoraa mpem du, sɛ ne fie aduane, ne ngo kronkron susukoraa ɔpeduonu; saa na Salomo maa Hiram afe biara.
121 Ah 4.29; 3.12 Na AWURADE maa Salomo nyansa sɛdeɛ ɔhyɛɛ no bɔ no; na asomdwoeɛ daa Hiram ne Salomo ntam, na wɔn baanu pamee.
13Na Ɔhene Salomo gyee Israel nyinaa hɔ adwumatoɔ, na ɛtoɔ no yɛ nnipa mpem aduasa.
141 Ah 4.6 Na ɔsomaa wɔn Lebanon, nnipa mpem du bosome biara maa wɔdii no nnyegyeɛ, wɔdi bosome Lebanon, na wɔdi abosome mmienu efie; na Adoniram na na ɔdi toɔ adwuma no soɔ.
15Na Salomo wɔ nnesoasoafoɔ mpem aduɔson ne nnuatwafoɔ mpem aduɔwɔtwe bepɔ no so,
16ɛsono Salomo ahwɛfoɔ mpemsa ahasa a wɔdi adwumafoɔ no soɔ.
17Na ɔhene hyɛ maa wɔpaee aboɔ akɛseɛ, aboɔ a ne boɔ yɛ den aboɔ a wɔasensene sɛ wɔde bɛto ɛdan no fapem.
18Yos 13.5; Hes 27.9 Na Salomo abantofoɔ ne Hiram abantofoɔ ne Gebalfoɔ no sensenee, na wɔsiesiee nua ne aboɔ sɛ wɔde bɛsi ɛdan no.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.