Nnwom 61 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Banbɔ ho adesrɛWɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔmfa sankuo nto. Dawid deɛ.

1Onyankopɔn, tie me sufrɛ,

yɛ aso ma me mpaebɔ.

2Mefiri asase ano mesu mefrɛ wo

m’akoma ahometeɛ mu,

wode me bɛkɔ

ɔbotan a ɛware sene me so.

3 Dwom 18.1-2; 71.3 Na wo na woayɛ me dwanekɔhyɛbea,

abantenten a ɛyɛ den, ɔtamfoɔ anim.

4 Dwom 69.2 Mɛtena wo ntomadan mu daa,

mɛhyɛ wo ntaban a ɛkata me soɔ no ase.

5Na wo, Onyankopɔn, woate me bɔhyɛ,

wode wɔn a wɔsuro wo din agyapadeɛ ama me.

6 Dwom 21.4 Wobɛto ɔhene nna so,

na ne mfeɛ akɔduru awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ so.

7 2 Sa 7.16 Ɔbɛtena Nyankopɔn anim daa,

fa adɔeɛ ne nokorɛ hwɛ no so.

8Ɛno na mɛto dwom pa mama wo din daa,

na mama m’aboadeɛ daa daa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help