Yeremia 13 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Ɔman no seanteɛ

1Sɛ AWURADE ka kyerɛɛ me nie: Kɔ na kɔtɔ nwera abɔsoɔ na fa bɔ w’asene, na mfa mmɔ nsuo mu.

2Ɛnna medii AWURADE asɛm no soɔ, kɔtɔɔ abɔsoɔ no, na mede mebɔɔ m’asene.

3Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn, ne mprenu soɔ sɛ:

4Fa abɔsoɔ a wotɔeɛ a ɛbɔ w’asene no, na sɔre kɔ Eufrate, na fa kɔhyɛ ɔbotan tokuro mu.

5Na mesii mu mede mekɔhintaa Eufrate, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ me no.

6Na nna pii akyiri no, AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Sɔre kɔ Eufrate, na kɔfa abɔsoɔ a mehyɛɛ wo sɛ fa kɔsie hɔ no bra.

7Na mesii mu mekɔɔ Eufrate, na mekɔbɔre mefaa abɔsoɔ no firii deɛ mede mekɔsieɛ no; na hwɛ, na abɔsoɔ no asu, ɛnyɛ mma hwee.

8Ɛnna AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

9Sɛ AWURADE seɛ nie: Saa ara na mɛsɛe Yuda ahantan ne Yerusalem ahantan bebrebe no.

10Yer 11.8 Ɔmammɔne yi a wɔmpɛ sɛ wɔtie me nsɛm, na wɔnam wɔn akoma denyɛ mu, na wɔdi anyame foforɔ akyiri som wɔn sɔre wɔn no, wɔbɛyɛ sɛ saa abɔsoɔ a ɛnyɛ mma hwee yi.

11Na sɛdeɛ abɔsoɔ fam onipa asene no, saa ara na mama Israel fie nyinaa ne Yuda fie nyinaa afam me ho, AWURADE asɛm nie, sɛ wɔnyɛ me ɔman, ne din ne ayeyie, ne animuonyam, nanso wɔantie.

12Enti ka asɛm yi kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn seɛ nie: Nsa bɛyɛ mpɔre nyinaa ma ma. Na wɔbɛka akyerɛ wo sɛ: Nim na yɛnnim sɛ nsa bɛyɛ mpɔre nyinaa amaama anaa?

13Yer 25.15-18; Yes 51.17 Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mɛma asase yi sofoɔ nyinaa, ne ahemfo a wɔtete Dawid adwa soɔ, ne asɔfoɔ ne adiyifoɔ, ne Yerusalemfoɔ nyinaa aboboro titaa.

14Na mede wɔn bɛbobɔ wɔn ho wɔn ho, agyanom ne mma nyinaa, AWURADE asɛm nie. Merenhu wɔn mmɔbɔ, na merennya tema mma wɔn, na me yam renhyehye me, sɛ merensɛe wɔn.

Kɔkɔbɔ, abooboodie ne duema

15Montie, na monyɛ aso; monnyɛ ahantan,

na AWURADE na akasa.

16Monhyɛ AWURADE mo Nyankopɔn animuonyam

ansa na wama sum aduru,

ansa na mo nan asunti

mmepɔ kusuu no,

na morehwɛ hann kwan a,

wadane no sunsum,

na wama sum kabii aduru.

17 Yer 9.1 Na sɛ moantie a,

me kra bɛsu kokoam, mo ahantan nti,

na m’ani afiri nisuo ara,

na nisuo aporepore me,

sɛ wɔafa AWURADE nnwankuo no nnommum mu.

18 Kwa 5.16 Se ɔhene ne ɔhemmaa no sɛ:

Mommrɛ mo ho ase ntena ase,

na mo animuonyam abotire

afiri mo atifi atɔ.

19Wɔatoto Negeb nkuro no mu,

na obiara nni hɔ a ɔbɛhini;

wɔatu Yuda nyinaa kɔ nnommum mu,

wɔatu wɔn kɔ korakora.

20Ma w’ani so na hwɛ

wɔn a wɔfiri atifi fam reba yi,

ɛhe na wo mmoakuo a wɔde maa woɔ,

w’animuonyam nnwankuo no wɔ?

21Sɛ ɔde wɔn a wo ara woayɛne wɔn

sɛ wo nnamfonom si wo so atitire a,

ɛdeɛn na wobɛka?

Awoɔ renka wo

sɛ ɔbaa wofoɔ anaa?

22 Yes 47.2-3; Hes 16.37 Na sɛ wose no w’akoma mu sɛ:

Ɛdeɛn nti na yeinom ato me yi a,

w’amumuyɛ bebree nti

na wɔayi w’atadeɛ nhyɛaseɛ adie,

wɔahyɛ wo nantin yea.

23 Dwom 55.19 Etiopiani bɛtumi asakyera ne wedeɛ,

anaasɛ ɔsebɔ bɛsakyera ne ho nworonnworan?

Ɛnneɛ mo nso mobɛtumi ayɛ papa,

mo a bɔneyɛ akokwa mo.

24Enti mɛbɔ wɔn apete sɛ ntɛtɛ

a anwea pradada so mframa de no rekorɔ.

25Yei ne w’adeɛ a wobɛnya,

wo kyɛfa a masusu mama woɔ, AWURADE asɛm nie,

ɛfiri sɛ wo werɛ afiri me,

na wode wo ho ato atorɔ so.

26 Yer 13.22 Na me nso mɛyi w’atadeɛ nhyɛaseɛ mabua w’anim,

na wɔahunu w’ahohora no.

27W’akyiwadeɛ a ɛne w’awaresɛeɛ, ne wo hwenemporeɛ,

w’adwamammɔ atantanneɛ,

wiram nkokoɔ so, na mahunu.

Due, O Yerusalem!

Ɛnkɔsi da bɛn na wo ho bɛte bio?

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help