Nnwom 132 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Mpaeɛ a Dawid nti wɔbɔ ma SionƆsoroforɔ dwom.

1AWURADE, kae Dawid

brɛ nyinaa ma no,

2 2 Sa 7 sɛdeɛ ɔkaa AWURADE ntam,

na ɔhyɛɛ Yakob tumfoɔ no bɔ sɛ:

3Merenkɔ me fie ntomadan mu,

meremforo me mpa so mpia mu,

4meremma m’anisuatɛtɛ rentɔ nko,

nso merenna

5 Aso 7.46 kɔsi sɛ mɛnya baabi mama AWURADE,

tenabea bi ama Yakob tumfoɔ no ansa.

6 1 Sa 7.1; 2 Sa 6.3 Hwɛ, yɛkɔtee no Efrata,

yɛkɔhunuu no kwaeɛ asase so.

7Momma yɛnkɔ ne tenabea,

nkɔkoto ne nan ntiasoɔ anim ɛ.

8 Num 10.35; 2 Be 6.41-42 AWURADE, sɔre kɔ wo home mu,

wo ne wo tumi adaka no.

9Ma w’asɔfoɔ nhyɛ tenenee,

na ma w’ahotefoɔ nni ahurisie.

10Ɛsiane w’akoa Dawid nti,

nnane deɛ woasra no no ani.

11 Dwom 89.3 AWURADE aka Dawid ntam nokorɛ mu

a ɔnnane ani:

Mede wo yafumma mu bi

matena w’adwa so mama wo.

12Sɛ wo mma di m’apam

ne m’adanseɛ a mɛkyerɛkyerɛ wɔn no so a,

wɔn mma nso

bɛtena w’adwa so daa.

13 Dwom 68.16; 76.2 Na AWURADE ayi Sion,

wapɛ hɔ de ayɛ ne tenabea.

14Yei ne me homebea daapem,

ɛha na mɛtena, na mepɛ ha.

15Mede nhyira bɛhyira n’adidideɛ,

mɛma n’ahiafoɔ aduane adi amee.

16Na mede nkwagyeɛ bɛhyɛ n’asɔfoɔ,

na n’ahotefoɔ bɛto ahurisie dwom.

17 Luka 1.69; Dwom 89.24 Ɛhɔ na mɛma abɛn afiri ama Dawid,

masiesie kanea mama deɛ masra no no.

18Mɛhyɛ n’atamfo aniwuo,

na ɔno deɛ, n’ahenkyɛ bɛhyerɛn n’atifi.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help