2 Samuel 18 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Absalom nkoguo ne ne wuo

1Afei Dawid kanee ɛdɔm a wɔka ne ho no, na ɔde mpem mpem so asafohene ne ɔha ha so asafohene sisii wɔn so.

22 Sa 15.19 Na Dawid gyaa ɛdɔm no kwan de abupɛn mmiɛnsa mu baako hyɛɛ Yoab nsa, na ɔde baako hyɛɛ Seruia ba Abisai, Yoab nua, nsa, na ɔde baako hyɛɛ Gatni Itai nsa. Na ɔhene ka kyerɛɛ ɛdɔm no sɛ: Fire na me nso mene mo bɛfiri akorɔ.

3Na ɛdɔm no kaa sɛ: Ɛnne yɛn nnkɔ, na sɛ dwane na yɛdwane a, wɔrennwene yɛn ho; na sɛ yɛn mu fa totɔ nso a, wɔrennwene yɛn ho, na wote sɛ yɛn mu mpem du; na enti ɛyɛ sɛ wo firi kuro no mu di boa yɛn.

4Na ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Deɛ ɛyɛ wɔ mo ani soɔ no, mɛyɛ. Na ɔhene gyinaa kuro pono no nkyɛn, na ɛdɔm no nyinaa firii adi, ɔha ha ne mpem mpem so.

52 Sa 18.12 Na ɔhene hyɛɛ Yoab ne Abisai ne Itai sɛ: Mo ne aberanteɛ Absalom no nni no brɛɛ mma me! Na ɔhene rehyɛ asafohene nyinaa Absalom ho no, ɔman no nyinaa teeɛ.

6Na ɛdɔm no firii adi kɔɔ wiram kɔhyiaa Israel; na wɔkoo wɔ Efraim kwaeɛ mu.

7Na wɔkaa Israel dɔm no gui, Dawid nkoa no anim, na ekum kɛseɛ baa hɔ da no, nnipa mpem aduonu.

8Na ɔko no trɛɛ wɔ asase no nyinaa ani, na ɛdɔm no mu wɔn a wɔwuu kwaeɛ no mu dɔɔso sene wɔn a wɔwuu nkrantɛ ano da no.

9Na Absalom hyiaa Dawid mmarima no; nso na Absalom te afunumupɔnkɔ so, na afunumupɔnkɔ no de no faa odum kɛseɛ bi mman kusuu ase, na ne tirinwi kɔsɔɔ odum no dubaa so maa no sensɛnee ɔsoro ne fam ntam, na afunumupɔnkɔ a ɔwɔ n’aseɛ no gyaa ne hɔ kɔe.

10Na ɔbarima bi kɔhunui, na ɔkɔka kyerɛɛ Yoab sɛ: Hwɛ makɔhunu Absalom sɛ ɔsɛne odum bi soɔ.

11Na Yoab ka kyerɛɛ ɔbarima a ɔka kyerɛɛ no no sɛ: Saa! Wohunuu no no, adɛn nti na woammɔ no anhwe fam hɔ? Na anka mɛma wo dwetɛ du ne abɔsoɔ.

122 Sa 18.5 Nanso ɔbarima no ka kyerɛɛ Yoab sɛ: Sɛ wokari dwetɛ apem gu me nsam mpo a, merentene me nsa menka ɔhene ba no; na yɛn aso mu na ɔhene hyɛɛ wo, Abisai ne Itai sɛ: Monhwɛ yie, obiara biara, aberanteɛ Absalom no ho.

13Anaasɛ, sɛ anka metwa ne kra ho nkontompo a, (nso asɛm biara nhunta ɔhene), wo deɛ, anka wobɛpa m’akyi agyina akyiri.

14Na Yoab kaa sɛ: Merentwentwɛn me nan ase w’anim saa. Na ɔfaa mpɛmɛ mmiɛnsa kurae, na ɔde kɔwowɔɔ Absalom akoma mu berɛ a ɔda so yɛ anikan odum no so.

15Na mmeranteɛ du a wɔkura Yoab akodeɛ twaa Absalom ho hyiae, na wɔbobɔɔ no kumm no.

16Ɛnna Yoab hyɛnee totorobɛnto, na ɛdɔm no nyinaa sane firii Israel akyi die; na Yoab siankaa ɛdɔm no.

17Na wɔyii Absalom de no too kwaeɛ mu hɔ amena kɛseɛ bi mu, na wɔboaboaa aboɔkuo kɛseɛ pa ano guu ne so. Na Israel nyinaa dwanedwane kokɔɔ wɔn ntomadan mu.

18Nso Absalom te aseɛ no, ɔsii nkaeɛ dum bi a ɛwɔ ɔhene bonhwa mu fae, a ɔkaa sɛ: Menni ɔbabarima a wɔde no bɛkae me din. Na ɔde ne din too odum no, na wɔfrɛ no Absalom nsɛnkyerɛnneɛ de bɛsi nnɛ.

19 2 Sa 15.36; 17.17 Ɛnna Sadok ba Ahimaas kaa sɛ: Ma mentu mmirika menkɔbɔ ɔhene kaseɛ pa yi, sɛ AWURADE agye no afiri n’atamfo nsam.

20Na Yoab ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnyɛ wo na wobɛyɛ kaseɛbɔni nnɛ. Da foforɔ na wobɛyɛ kaseɛbɔni, na ɛnnɛ deɛ, nkɔbɔ kaseɛ biara, ɛfiri sɛ ɔhene ba atɔ.

21Na Yoab ka kyerɛɛ Kusni no sɛ: Kɔ na kɔka deɛ woahunu kyerɛ ɔhene. Na Kusni no bɔɔ ne mu ase maa Yoab, na ɔtuu mmirika kɔeɛ.

22Ɛnna Sadok ba Ahimaas kɔɔ so ka kyerɛɛ Yoab bio sɛ: Ɛyɛ dɛn ara a, ma me nso mentu mmirika menni Kusni no akyi. Na Yoab kaa sɛ: Me ba, adɛn nti na worebɛtu mmirika yi? Ɛnyɛ kaseɛ a ɛbɛma biribi afiri mu aba ama woɔ.

23Na ɔkaa sɛ: Ɛyɛ dɛn ara a, mɛtu mmirika. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Tu ɛ! Ɛnna Ahimaas tuu mmirika faa nsunoa kwan so kɔsianee Kusni no ho.

24Na Dawid te kuro no apono mmienu no ntam. Na ɔwɛmfoɔ no kɔɔ kuro pono no atifi, ɔfasuo no so, na ɔmaa n’ani so hwɛe, na ɔhunuu ɔbarima bi a ne nko ara de mmirika reba.

25Na ɔwɛmfoɔ no teaa mu ka kyerɛɛ ɔhene. Na ɔhene kaa sɛ: Sɛ ɛyɛ ɔno nko a, na kaseɛ bi wɔ n’anomu. Na ɔde reba ara, na ɔpinkyɛe.

26Na ɔwɛmfoɔ no hunuu ɔbarima foforɔ sɛ ɔde mmirika reba; na ɔwɛmfoɔ no teaa mu kyerɛɛ ɔpono ano hwɛfoɔ no sɛ: Hwɛ ɔbarima foforɔ sɛ ɔde mmirika reba. Na ɔhene kaa sɛ: Ɔno nso yɛ kaseɛbɔni.

27Na ɔwɛmfoɔ no kaa sɛ: Me deɛ, mehunu odikanfoɔ no mmirikatuo sɛ ɛte sɛ Sadok ba Ahimaas mmirikatuo. Na ɔhene kaa sɛ: Onipa pa nie, na ɔde kaseɛ pa reba.

28Na Ahimaas teaa mu ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Asomdwoeɛ! Na ɔbɔɔ ne mu ase ɔhene anim, na ɔkaa sɛ: Nhyira nka AWURADE, wo Nyankopɔn a wayi nnipa a wɔmaa wɔn nsa so tiaa me wura ɔhene no ahyɛ wo nsa.

29Na ɔhene bisaa sɛ: Aberanteɛ Absalom ho yɛ anaa? Na Ahimaas buaa sɛ: Yoab resoma ɔhene somfoɔ bi ne w’akoa no, mehunuu kitikiti kɛseɛ bi, na mennim adekodeɛ.

30Na ɔhene kaa sɛ: Sene gyina ha! Na ɔsene kɔgyinaa hɔ.

31Na hwɛ, Kusni no bae; na Kusni no kaa sɛ: Me wura ɔhene ntie kaseɛ, sɛ AWURADE abu atɛn ama wo nnɛ, wɔn a wɔsɔre tiaa woɔ no nyinaa ho.

32Na ɔhene bisaa Kusni no sɛ: Aberanteɛ Absalom ho yɛ anaa? Na Kusni no se: Ma me wura ɔhene atamfoɔ ne wɔn a wɔsɔre tia woɔ pɛ wo bɔne no nyinaa nyɛ sɛ aberanteɛ no!

33Na ɔhene ho popoe, na ɔforo kɔɔ kuro pono so pia mu, na ɔsui. Na ɔrekorɔ no, sɛ ɔkaeɛ nie: Ao, me ba Absalom, me ba, me ba Absalom! Ɛkaa me nko a, anka mesii w’ananmu wui! Ao, Absalom, me ba, me ba!

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help