Yesaia 54 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Sion afotuo ne denhyɛ

1 Yes 49.20; Gal 4.27 To dwom, wo bonini a woanwoɔ;

to anigyeɛ dwom na fa ahosan team,

wo a wonkyem mma!

Na onnibie mma bɛdɔɔso

asene deɛ ɔwɔ kunu mma, AWURADE na ɔseɛ.

2Ma wo ntomadan mu ntrɛ,

na wɔntwe wo tenabea ho nkataho no mu, nnodo ho.

Ma wo ntampehoma nware,

na ma wo mpɛɛwa ntintim.

3Na wobɛtrɛtrɛ akɔ nifa ne benkum,

na w’asefoɔ afa amanaman no,

na woama wɔatenatena nkurofo so.

4 Yer 51.5 Nsuro, na w’ani renwu,

nsi wo tiri ase, na w’anim renkusa,

na wo werɛ bɛfiri wo mmabaaberɛ mu aniwuo,

na wo kunayɛ ahohora no, worenkae bio.

5 Hos 2.19 Na wo Yɛfoɔ ne wo kunu,

asafo AWURADE ne ne din,

na wo Gyefoɔ, Israel Kronkronni no,

wɔfrɛ no asase nyinaa Nyankopɔn.

6 Yes 50.1 Na AWURADE afrɛ wo

sɛ ɔbaa a wɔagyaa no na ɔredi honhom mu yea,

sɛ mmeranteberɛ mu yerɛ a wɔapa no,

wo Nyankopɔn na ɔseɛ.

7 Dwom 30.5 Megyaa wo ɛberɛ tiawa bi,

nanso ayamhyehyeɛ kɛseɛ na mede bɛboa w’ano.

8 Yes 60.10 Abufuo mmorosoɔ mu

na mede m’ani mehuntaa wo kakraa bi,

nanso mede daa adɔeɛ bɛhu wo mmɔbɔ,

wo Gyefoɔ AWURADE na ɔseɛ.

9 Gye 9.11-17 Na yei yɛ me sɛ Noa nna no:

Sɛdeɛ mekaa ntam sɛ

Noa nsuo no mmfa asase so bio no,

saa ara nso na maka ntam sɛ me bo remfu wo

na merenteatea wo bio.

10 Hes 37.26 Na mmepɔ bɛtwe akɔ

na nkokoɔ atutu,

na m’adɔeɛ deɛ, ɛrentwe mfiri wo so,

na m’asomdwoeɛ apam no rentutu,

AWURADE a ne yam hyehye no ma woɔ no na ɔseɛ.

11O mmɔborɔni a ahum bɔɔ woɔ a wɔnkyekyeree wo werɛ,

hwɛ, me ara mede w’aboɔ bɛtoto anintɔnka adubire mu,

na mede hoa aboɔ mato wo fapem,

12 Adi 21.18-21 na mede bogya aboɔ mayeyɛ w’abantifi,

na mede nsramma aboɔ mayɛ w’aponkɛseɛ,

ne w’afasuo nyinaa aboɔ afɛfɛ.

13 Yoh 6.45 Na wo mma nyinaa bɛyɛ AWURADE asuafoɔ,

na wo mma asomdwoeɛ bɛdɔɔso.

14Tenenee mu na w’ase bɛtim;

wo ne nhyɛsoɔ ntam bɛtwe, na worensuro,

na wo ne ahudeɛ nso ntam bɛtwe, na ɛremmɛn wo.

15 Rom 8.31 Hwɛ, wɔpɛ wo ntɔkwa,

nso ɛmfiri me;

deɛ ɔsuae wo soɔ no,

wo nti ɔbɛhwe ase.

16Hwɛ, me na mebɔɔ ɔtomfoɔ

a ɔfite gyabidie mu na ɔbɔ akodeɛ sɛdeɛ ne dwuma teɛ,

na me ara na mebɔɔ ɔsɛefoɔ sɛ ɔnsɛeɛ.

17Akodeɛ biara a wɔbɔ tia woɔ renyɛ yie,

na tɛkyerɛma biara a ɛbɛsɔre atia wo atemmuo mu no, wobɛbu no fɔ;

ɛno ne AWURADE nkoa agyapadeɛ

ne wɔn tenenee a ɛfiri me no, AWURADE asɛm nie.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help