1 Yes 44.28; 41.2 Saa na AWURADE ka kyerɛ deɛ wasra no Kores,
deɛ masɔ ne nifa mu sɛ mɛbrɛ amanaman ase n’anim,
na masanesane ahemfo abɔsoɔ,
sɛ mɛbue apono n’anim,
ne nkuro apono,
na wɔantoto mu no:
2Mɛdi w’anim,
na mabrɛ mmepɔ ase;
mɛbubu kɔbere mfrafraeɛ apono mu,
na matwitwa dadeɛ adaban mu.
3Na mede sum mu akoradeɛ ne
aboɔdenneɛ a ahunta no bɛma wo;
na woahunu sɛ me, AWURADE,
mene deɛ mebɔɔ wo din mefrɛɛ woɔ no,
Israel Nyankopɔn no.
4 Yes 41.8 M’akoa Yakob
ne Israel a mayi no nti
na mede wo din mefrɛɛ woɔ,
na mebɔɔ wo abodin no,
nso wonnya nhunuu me.
5 Yes 44.6 Mene AWURADE,
na obiara nni hɔ bio;
Onyankopɔn bi nni hɔ sɛ me nko.
Me na mebɔ wo abɔsoɔ, nso wonni me,
6na wɔahunu afiri awiapueeɛ,
ne atɔeɛ nso, sɛ obiara nni hɔ, gye me.
Mene AWURADE, na obiara nni hɔ bio.
7 Amos 3.6 Me na mebɔ hann, na mebɔ sum,
mema asomdwoeɛ, na mede amaneɛ ba.
Me, AWURADE, na meyɛ yeinom nyinaa.
8 Dwom 72.3 Ɔsoro, momma tenenee mfiri soro nsosɔ,
na ɛmfiri mununkum mu ntɔ;
asase mmue, na ɛmfa ɔgyeɛ mmra,
na ɛmma tenenee nso mfifi mmra:
Me, AWURADE, na mebɔeɛ.
AWURADE nko ne Onyankopɔn9 Yes 29.16; Yer 18.6; Rom 9.20-21 Deɛ ɔne ne Nwomfoɔ ham,
fam nkyɛmferɛ ne ɔnwomfoɔ no nnue!
Dɔteboɔ bisa ne nwomfoɔ sɛ: Woreyɛ deɛn?
Anaa w’adwuma no nni nsa?
10Ɔnnue deɛ ɔka kyerɛ agya sɛ: Ɛdeɛn na wowoeɛ?
Anaa ɔbaa sɛ: Ɛdeɛn na wokyem woeɛ?
11Sɛ AWURADE,
Israel Kronkronni ne ne Yɛfoɔ no seɛ nie:
Mobɛbisa me wɔ nnoɔma a menyɛ
wɔ me mma ho, anaasɛ, mobɛhyɛ me wɔ me nsa ano adwuma ho?
12Me na meyɛɛ asase,
na mebɔɔ ɛso nnipa;
me na me nsa trɛɛ ɔsoro mu,
na mehyɛɛ mu asafo nyinaa.
13 Yes 45.1; 41.2 Me na mama ne so tenenee mu,
na mɛtenetene n’akwan nyinaa;
ɔno na ɔbɛkyekyere me kuro,
na ɔbɛgya m’atukɔfoɔ kwan
a ɔrennye tiriadeɛ anaa akyɛdeɛ biara,
asafo AWURADE na ɔka.
14 Yes 45.5 Sɛ AWURADE seɛ nie:
Misraim adwumadeɛ ne Etiopia adwadeɛ a wɔnyaeɛ,
ne Sebafoɔ, mmarima atentene no,
bɛsene aba wo nkyɛn ne wo abɛtena,
wɔbɛdi w’akyi;
nkyehoma mu na wɔbɛsene aba, abɛsɔre woɔ,
na wɔabɔ wo mpaeɛ sɛ:
Ampa, wo mu na Onyankopɔn wɔ, na obiara nni hɔ bio; Onyankopɔn biara nni baabi.
15 Rom 11.33 Ampa ara, wone Onyankopɔn a woahunta,
Israel Nyankopɔn, Ɔgyefoɔ no.
16 Yes 44.9, 11 Wɔn nyinaa ani bɛwu na wɔn anim agu ase,
ahonidwumfoɔ nyinaa bɛbom ayɛ ahohora.
17AWURADE de daa daa nkwagyeɛ
gye Israel;
mo ani renwu, na mo anim rengu ase bio
da biara da.
Amanaman no frɛ18Na sɛ AWURADE
a ɔbɔɔ ɔsoro
na ɔnwonoo asase na ɔyɛeɛ no seɛ nie,
(ɔne Nyankopɔn),
(ɔno na ɔde sii hɔ);
wammɔ no hunu
na ɔnwonoo no sɛ wɔntena so:
Mene AWURADE, na obiara nni hɔ bio.
19Ɛnyɛ ahuntaeɛ mu na mekasaeɛ,
ɛnyɛ sum asase so baabi;
manka mankyerɛ Yakob asefoɔ sɛ:
Monhwehwɛ me basabasa yɛ mu!
Mene AWURADE a mekasa nokorɛ mu,
meka deɛ ɛtenee.
20 Yes 43.9 Monhyia mmra,
mommom mpinkyɛ,
mo a moafiri mu afire wɔ amanaman mu.
Wɔnnim de,
wɔn a wɔsoso wɔn ahoni nnua,
na wɔkɔ so ara bɔ onyame
a ɔntumi nnye nkwa mpaeɛ.
21 Yes 45.5 Monkasa, monka mo asɛm;
momma wɔmmom ntu agyina.
Hwan na ɔmaa wɔtee yei firi teteete
na ɔka firi tete nteredee?
Ɛnyɛ me, AWURADE a?
Na Onyankopɔn biara nni hɔ gye me nko ara,
Onyankopɔn a ɔtene na ɔgye nkwa;
obi nni baabiara gye me nko.
22Monnane mo ho mmra me nkyɛn na wɔnnye mo nkwa,
mo asase ano nyinaa.
Na mene Onyankopɔn, na obiara nni hɔ bio.
23 Rom 14.11; Flp 2.10-11 Maka me ho ntam,
tenenee anomu na asɛm afire,
na ɔrensane, sɛ:
Me na nkotodwe nyinaa bɛkoto me,
na tɛkyerɛma nyinaa aka me ntam.
24 Yer 23.6 Wɔbɛka me ho asɛm sɛ, AWURADE mu nko ara
na tenenee ne ahoɔden wɔ;
ne nkyɛn na wɔbɛba,
na wɔn a wɔn bo afu no nyinaa ani bɛwu.
25 1 Ko 1.31 AWURADE mu na Israel asefoɔ nyinaa
bɛdi bem ahyehyɛ wɔn ho.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.