2 Yohane 1 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Nkyea

1 1 Pe 5.1; 3 Yoh 1 Me, ɔpanin no, twerɛ kɔma Awuraa a wɔayi no, ne ne mma a medɔ wɔn nokorɛ mu, na ɛnyɛ me nko ara, na wɔn a wɔahunu nokorɛ no nyinaa,

2nokorɛ a ɛte yɛn mu na ɛne yɛn bɛtena hɔ daa no nti:

3Adom, mmɔborɔhunu ne asomdwoeɛ mfiri Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo, Agya no Ba no, nkyɛn mmra yɛn so, nokorɛ ne ɔdɔ mu.

Nokorɛ ne ɔdɔ

4M’ani agye kɛse, sɛ mahunu wo mma no mu bi sɛ wɔnam nokorɛ mu, sɛdeɛ yɛanya ahyɛdeɛ firi Agya no nkyɛn no.

51 Yoh 2.7 Na afei, Awuraa, mesrɛ wo, ɛnyɛ sɛ meretwerɛ wo ahyɛdeɛ foforɔ, na mmom deɛ yɛnya firi mfitiaseɛ no ara, sɛ yɛnnodɔ yɛn ho no.

6Na yei ne ɔdɔ no, sɛ yɛbɛnante sɛdeɛ ahyɛdeɛ no teɛ. Yei ne ahyɛdeɛ no, sɛdeɛ moate firi mfitiaseɛ, sɛ monnante mu.

7 1 Yoh 2.18; 4.1-3 Na nnaadaafoɔ bebree aba wiase a wɔmpae mu nka sɛ Yesu Kristo aba honam mu. Yeinom ne ɔdaadaafoɔ ne antikristo no.

8 Gal 4.11 Monhwɛ mo ho yie, na moanhwere deɛ yɛayɛ adwuma anya no, na mmom moanya akatua mu.

91 Yoh 2.23 Obiara a ɔfom na ɔntena Kristo nkyerɛkyerɛ no mu no, ɔnni Onyankopɔn. Na deɛ ɔtena nkyerɛkyerɛ no mu no, ɔno na ɔwɔ Agya no ne Ɔba no.

102 Te 3.6 Sɛ obi ba mo nkyɛn na ɔnkura nkyerɛkyerɛ yi a, monnnye no nnkɔ mo fie, nso monnkyea no!

11Na deɛ ɔkyea no no yɛ ne nnwuma bɔne no fafafoɔ.

Awieeɛ

12 3 Yoh 13 Mewɔ nsɛm pii a anka mɛtwerɛ mabrɛ mo deɛ, nanso mempɛ sɛ mede krataa ne adubire metwerɛ. Na m’ani da so sɛ mɛba mo nkyɛn na yɛde ano ne ano akasa, na yɛn anigyeɛ awie pɛyɛ.

13Wo nuabaa a wɔayi no no mma no kyea wo.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help