Kwadwom 4 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Yuda mmɔborɔ asetena ne n’animtiabuo

1 Kwa 1.6, 10 Ao, sɛ sika abiri tumm,

hyerɛmmoɔ pa no asakyera nie!

Wɔatoto kronkronbea aboɔ no

agu mmorɔno nyinaa so.

2Sion mma a wɔn boɔ yɛ den

a wɔde sika amapa kari wɔn no,

ɛsii sɛn na wɔbuu wɔn sɛ dɔteɛ nkukuo,

ɔnwomfoɔ nsa ano adwuma yi?

3Ɛserɛ so kraman mpo twetwe wɔn nufo

ma wɔn mma nnum;

me man babaa adane otirimuɔdenfoɔ

te sɛ ɛserɛ so nsohori.

4Sukɔm ma akɔkoaa

tɛkyerɛma fam ne dodo mu,

mmotafowa srɛ aduane,

obi nni hɔ a ɔbu bi ma wɔn.

5Wɔn a wɔdii adɔkɔdɔkɔdeɛ no

ayɛ pasaa mmorɔno so;

wɔn a wɔyɛne wɔn ɔtankɔkɔɔ soɔ no

yɛ sumina atuu.

6 Gye 18.20; 19.24-25 Na me man babaa amumuyɛ so akatua

sene Sodom bɔne no deɛ,

ɛno nti na wɔbutuu no amonom,

a ɛnyɛ nsa na ɛsɛe no.

7Ne mmapɔmma ho te sene sukyerɛmma,

wɔhoa nso sene nufosuo;

wɔn honam bere sene ntwoma,

wɔn nipadua te sɛ hoaboɔ.

8Afei deɛ wɔn anim biri sene gyabidie,

wɔhu wɔn mmorɔno so a, wɔnhu wɔn:

Wɔn wedeɛ afemfam wɔn nnompe ho,

akyen wirekyee, ayɛ sɛ dua.

9Wɔn a wɔtotɔ afena ano deɛ yɛ

sene wɔn a wɔtotɔ ɛkɔm ano

a afuo mu nnɔbaeɛ a abɔ wɔn nti

wɔkusa hyeɛ no.

10 Kwa 2.20 Mmaa a wɔn yam hyehye wɔn

de wɔn nsa noaa wɔn ara wɔn yafumma;

wɔde wɔn yɛɛ aduane,

me man babaa sɛeɛ no mu.

11AWURADE ayi n’abufuhyeɛ no adi awie,

wahwie n’abufuo a ano yɛ den no agu;

wasɔ Sion mu gya

ama no ahye ne nnyinasoɔ.

12Asase so ahemfo

ne wiasefoɔ nyinaa annye anni,

sɛ ɔhohiahiafoɔ ne ɔtamfoɔ

bɛba abɛhyɛne Yerusalem apono mu.

13N’adiyifoɔ bɔne, ne

n’asɔfoɔ amumuyɛ nti na ɛbaa saa;

ma wɔhwiee

teneneefoɔ mogya wɔn mfimfini.

14Wɔkeka sɛ anifirafoɔ wɔ mmorɔno so,

wɔde mogya agugu wɔn ho fi

a enti wɔntumi nka wɔn ntadeɛ.

15Wɔteaa mu kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfiri ha! Mo a mo ho akum!

Mommane, mommane, mommfa mo nsa nnka!

Wɔdwane kɔkyinkyiniiɛ no,

wɔkaa no amanaman mu sɛ:

Wɔrenkɔ so ntena ha bio.

16 Kwa 5.12; Deut 28.50; Yes 47.6 AWURADE ankasa na apansam wɔn,

ɔrenkɔ so nhwɛ wɔn;

wɔnhwɛ asɔfoɔ anim,

mpanin anim amma nyam.

17Yɛn ani da so rehwɛ

yɛn mmoa a ɛremma no kwan,

yɛn ahwɛeɛ hɔ no, yɛhwɛɛ ɔman

a wɔntumi nnye yɛn nkwa no kwan ara.

18Wɔtoaa yɛn anammɔn,

na yɛantumi annante yɛn mmɔntene so.

Yɛn awieeɛ abɛn, yɛn nna ahi,

aane, yɛn awieeɛ adu.

19Yɛn atifoɔ ho yɛ hare

sene ɔsoro akɔdeɛ;

wɔti yɛn yerɛdɛyerɛdɛ mmepɔ so,

wɔtetɛ yɛn ɛserɛ so.

20 Yer 52.8, 11 Yɛn hwene mu ahome,

deɛ AWURADE asra no no,

wɔakyere no wɔn amena mu,

ɔno a yɛkaa sɛ:

Ne nwunu ase na yɛbɛnya nkwa,

amanaman mu no.

21 Kwa 1.21; Dwom 137.7; Yer 25.15, 21 Ma wo ho nsane wo na w’ani nnye,

Edom babaa a wote Us asase soɔ no;

wo nso wo so na amanehunu no rebɛtwam aba,

wobɛboro na w’adagya ada adi.

22 Yes 40.2 O Sion babaa, w’amumuyɛ so akatua asa!

Ɔremma wo nkɔ so ntena otukorɔ mu;

nanso, Edom babaa, ɔbɛba abɛtua w’amumuyɛ so ka,

ɔbɛyi wo bɔne so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help