Lewitikɔs NHYƐNMU - New Revised Asante Twi Bible(ASW)
NHYƐNMULewitikɔs ka Nyamesom ho nhyehyɛɛ ne ɛho mmara sɛdeɛ ɛteɛ wɔ tete Israelfoɔ mu no ho asɛm. Na ɛwɔ hɔ ma asɔfoɔ a na wɔhwɛ di saa ɔsom no ho nhyehyɛɛ ne mmara yi so no. Nwoma yi mu asɛm titire fa Onyankopɔn Kronkronyɛ ne akwan a ɛsɛ sɛ ne nkurɔfoɔ fa som de bɔ wɔn bra ama ɔne wɔn ntam ayɔnkofa no atena hɔ. Nsɛm titire a nnipa nim no yie koraa ne deɛ yɛhu wɔ Ti 19.18 mu no. Ɛno ne nsɛm a Yesu frɛɛ no mmara nsɛm kɛseɛ a ɛtɔ so mmienu no. Ɛno na ɛka sɛ, “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho” no.EMU NSƐMAfɔrebɔ ahodoɔ ho mmara 1.1—7.38Aaron ne ne mmammarima asɔfohyɛ 8.1—10.20Mmara a ɛfa ahoteɛ ne deɛ ɛho nteɛ ho 11.1—15.33Mpata Da 16.1-34Asetena ne ɔsom mu kronkronyɛ ho mmara 17.1—27.34