1Na Mose ne Israel mpanimfoɔ no hyɛɛ ɔman no sɛ: Monni mmara nsɛm a merehyɛ mo nnɛ yi nyinaa so.
2Na da a mobɛtwa Yordan akɔ asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no soɔ no, fa aboɔ akɛseɛ sisi hɔ, na fa akaadoo sra ho,
3na twerɛ mmara yi mu nsɛm nyinaa gu so, da a wobɛtwam akɔ asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no soɔ no, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ, sɛdeɛ AWURADE wo nananom Nyankopɔn ahyɛ wo bɔ no.
4Na mo Yordan twa mu no, momfa aboɔ yi a merehyɛ mo nnɛ yi nsisi hɔ wɔ Ebal bepɔ so, na fa akaadoo sra ho.
5 Eks 20.25 Na si hɔ afɔrebukyia ma AWURADE wo Nyankopɔn, aboɔ afɔrebukyia, mma dadeɛ so wɔ so;
6aboɔ amuamu na fa si AWURADE wo Nyankopɔn afɔrebukyia, na bɔ so ɔhyeɛ afɔdeɛ ma AWURADE wo Nyankopɔn;
7Deut 12.7 na bɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ di no hɔ, na gye w’ani AWURADE wo Nyankopɔn anim.
8Na twerɛ mmara yi mu nsɛm nyinaa gu aboɔ no so, fa kurukyire mu yie.
9 Deut 26.18-19 Na Mose ne Lewifoɔ asɔfoɔ no kasa kyerɛɛ Israel nyinaa sɛ: Israel, monyɛ aso ntie; ɛnnɛ da yi woayɛ AWURADE wo Nyankopɔn ɔman;
10enti tie AWURADE wo Nyankopɔn nne, na di ne mmara nsɛm ne n’ahyɛdeɛ a merehyɛ wo nnɛ yi so.
Ebal bepɔ so nnome11Na Mose hyɛɛ ɔman no da no ara sɛ:
12Deut 11.29 Motwa Yordan a, yeinom na ɛnnyina Gerisim bepɔ so nhyira ɔman no: Simeon, Lewi, Yuda, Isakar, Yosef ne Benyamin;
13na yeinom nnyina Ebal bepɔ so nnome: Ruben, Gad, Aser, Sebulon, Dan ne Naftali.
14Na Lewifoɔ mfiri aseɛ mfa nne kɛseɛ nka nkyerɛ Israelfoɔ nyinaa sɛ:
15Eks 20.23; 34.17 Nnome nka onipa a ɔbɛyɛ ohoni a wɔasene anaa agudeɛ, AWURADE akyiwadeɛ, adwumfoɔ nsa ano adwuma, na ɔde bɛsi kokoam. Na ɔman no nyinaa nnye so sɛ: Amen!
16 Eks 21.17 Nnome nka deɛ ɔyeyɛ n’agya ne ne na! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen!
17 Deut 19.14 Nnome nka deɛ ɔtwe ne yɔnko hyeɛ. Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen!
18 Lew 19.14 Nnome nka deɛ ɔma onifirani fom kwan. Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen!
19 Eks 22.21-22 Nnome nka deɛ ɔkyea ɔhɔhoɔ, awisiaa ne okunafoɔ atemmuo. Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen!
20 Lew 18.8 Nnome nka deɛ ɔne n’agya yere da, ɛfiri sɛ wayi n’agya nkataho. Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen!
21 Eks 22.19 Nnome nka deɛ ɔne aboa biara da. Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen!
22 Lew 18.9, 11 Nnome nka deɛ ɔne ne nuabaa, n’agya ba anaa ne na ba da. Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen!
23 Lew 18.15, 17 Nnome nka deɛ ɔne n’ase da. Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen!
24 Num 35.20 Nnome nka deɛ ɔhunta de adeɛ bɔ ne yɔnko. Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen!
25 Deut 16.19; Eks 23.8 Nnome nka deɛ ɔgye apaadeɛ sɛ ɔbɛkum onipa a ɔdi bem. Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen!
26 Gal 3.10 Nnome nka deɛ ɔmfa mmara yi mu nsɛm nsi hɔ sɛ ɔbɛyɛ. Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen!
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.