1 Samuel 18 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Yonatan ne Dawid adamfofa

1Na ɔne Saulo kasa wieeɛ no, na Yonatan kra akyekyere Dawid kra ho, na Yonatan dɔɔ no sɛ ɔno ara ne kra.

21 Sa 16.22; 17.15 Ɛda no ara, Saulo faa no ne no tenaeɛ, na wamma no ansane ankɔ n’agya fie.

31 Sa 19.2; 20.17; 23.18; 2 Sa 1.26; 21.7 Na Yonatan ne Dawid pam apam bi, ɛfiri sɛ na ɔdɔ no sɛ ɔno ara ne kra.

4Na Yonatan yii ne batakari a ɔhyɛ no maa Dawid ne ne ntadeɛ kɔduruu ne nkrantɛ ne ne tadua ne n’abɔsoɔ so.

51 Sa 18.14 Na Dawid firi adi kɔ baabiara a Saulo soma no na ne biribiara kɔ so; na Saulo de no sii akofoɔ so, na ɔsɔɔ ɔman no nyinaa ne Saulo nkoa nso ani.

Saulo twe Dawid ho ninkunu

6 Ate 11.34 Na wɔreba a Dawid resane afiri Filistini no kum aba no, mmaa firii Israel nkuro nyinaa mu de nnwom ne asa ba bɛhyiaa Ɔhene Saulo; wɔde mpintin ne anigyeɛ ne ahinasa adeɛ.

71 Sa 21.11; 29.5 Na mmaa a wɔregorɔ no gyee wɔn ho so sɛ:

Saulo akum apem mu,

na Dawid akum ne mpem du mu.

8Na Saulo bo fuu kɛse, na asɛm no anyɛ no dɛ. Na ɔkaa sɛ: Wɔde mpem du ama Dawid, na me deɛ, apem na wɔde ama me, na ɛdeɛn na aka no bio sɛ ahennie no?

9Na ɛfiri da no ara de rekorɔ no, Saulo tuu n’ani saa Dawid.

10 1 Sa 16.14 Na adeɛ kyeeɛ no, Nyankopɔn honhommɔne no sii Saulo so, na ɔrekɔm efie, na Dawid de ne nsa rebɔ sankuo, sɛdeɛ ɔyɛ daa no; na pea kura Saulo nsam.

111 Sa 19.10; 20.33 Na Saulo too pea no, na ɔse: Mɛbɔ Dawid afam ɔfasuo ho. Na Dawid danee ne ho firii n’anim mprenu.

12Na Saulo suroo Dawid, ɛfiri sɛ AWURADE di n’akyi, na Saulo deɛ, wafiri ne nkyɛn.

13Enti Saulo yii no firii ne ho, na ɔsii no apem so safohene, na ɔdii ahyɛmfire, ɔman no anim.

141 Sa 18.5 Na Dawid nyaa nkɔsoɔ n’akwan nyinaa mu, na AWURADE dii n’akyi.

15Na Saulo hunuu sɛ ne biribiara kɔ soɔ no, ɔsuroo no kɔkɔɔkɔ.

16Na Israel ne Yuda nyinaa dɔɔ Dawid, ɛfiri sɛ ɔno na na ɔdi wɔn anim ahyɛmfire.

17Na Saulo ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Hwɛ, me babaa panin Merab nie, ɔno na mede no bɛma wo aware; nnam ara na yɛ ma me, na ko ma AWURADE! Ɛfiri sɛ Saulo dwenee sɛ: Meremma me nsa nnka no, na Filistifoɔ na wɔn nsa nka no.

18Na Dawid ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Mene hwan, na me nkwa, anaa m’agya abusua ne deɛn wɔ Israel, na memmɛyɛ ɔhene aseɛ?

19Ate 15.2 Na berɛ duruiɛ a anka wɔde Saulo babaa Merab rebɛma Dawid no, wɔde no maa Meholatni Adriel awareɛ.

20Na Saulo ba Mikal dɔ Dawid; na wɔka kyerɛɛ Saulo no, asɛm no yɛɛ no anigyeɛ.

21Na Saulo se: Mede no bɛma no, na ayɛ no fidie, na Filistifoɔ nsa aka no. Na Saulo ka kyerɛɛ Dawid ne mprenu soɔ sɛ: Wobɛyɛ m’ase nnɛ.

221 Sa 22.14 Na Saulo hyɛɛ n’asomfoɔ sɛ: Momfa aseɛ ne Dawid nkasa sɛ: Hwɛ, ɔhene pɛ w’asɛm, na ne nkoa nyinaa dɔ wo, enti afei, bɛyɛ ɔhene ase.

23Na Saulo nkoa no kaa nsɛm yi guu Dawid aso mu. Na Dawid kaa sɛ: Ɛyɛ mo ani so adewa sɛ obi bɛyɛ ɔhene aseɛ? Na me deɛ, meyɛ onipa hiani a m’akyiri nyɛ duro.

24Na Saulo nkoa kɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛdeɛ Dawid kaeɛ nie.

25Na Saulo kaa sɛ: Sɛ monkɔka nkyerɛ Dawid nie: Ɔhene mpɛ tiriadeɛ biara sɛ Filistifoɔ mmarima ano wedeɛ ɔha, na wɔntɔ ɔhene atamfoɔ so were. Na Saulo susuu sɛ ɔnam Filistifoɔ nsa so bɛma Dawid atɔ.

26Na ne nkoa kɔkaa nsɛm yi kyerɛɛ Dawid no, ɛyɛɛ Dawid fɛ sɛ ɔbɛyɛ ɔhene aseɛ. Na nna no nnya nnuruiɛ no,

27Dawid sɔre sii mu, ɔno ne ne mmarima, na ɔkɔkumm Filistifoɔ mmarima ahanu. Na Dawid de wɔn mmarima ano wedeɛ baeɛ, na wɔkan maa no durui de kyerɛɛ ɔhene sɛ, ɔnyɛ ɔhene ase. Na Saulo de ne ba Mikal maa no aware.

28Na Saulo hwɛ hunuu sɛ AWURADE di Dawid akyi; na Saulo babaa Mikal dɔɔ no.

291 Sa 18.12 Na Saulo kɔɔ so suroo Dawid ara, na ɛmaa Saulo tanee Dawid daa.

30Na Filistifoɔ asafohene firii adi bɛkoeɛ; na da biara a wɔfiri adi ba no, ɛsi Dawid yie sene Saulo nkoa nyinaa. Na na wɔbɔ ne din anidie mu sɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help