Luka 23 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Yesu gyina Pilato anim(Mateo 27.2; 27.11-31; Marko 15.1-20; Yohane 18.28—19.16)

1Ɛnna nnipakuo no nyinaa sɔre de no kɔɔ Pilato anim.

2

18Na wɔn nyinaa teaa mu prɛko sɛ: Fa oyi kɔ, na gyae Baraba ma yɛn!

19(Ɔno na sakasaka bi a ɔkɔyɛɛ no kuro mu hɔ ne awudie nti wɔde no akɔto afiase.)

Ɔbu no kumfɔ

20Na Pilato pɛɛ sɛ ɔgyaa Yesu nti, ɔkasa kyerɛɛ wɔn bio.

21Na wɔteaa mu sɛ: Bɔ no asɛnnua mu, bɔ no asɛnnua mu!

22Na ɔkaa deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa kyerɛɛ wɔn sɛ: Na bɔne bɛn na wayɛ? Manhunu adeɛ biara a wayɛ a ɛfata sɛ wɔku no, enti mɛhwe no, na magyaa no.

23Na wɔde nne kɛseɛ kɔɔ so bisaa sɛ wɔmmɔ no asɛnnua mu; na wɔn nne boroo ne deɛ so.

24Na Pilato buu atɛn sɛ ɛnyɛ sɛdeɛ wɔbisaeɛ no.

25Na ɔgyaee deɛ sakasaka ne awudie nti wɔde no kɔtoo afiase a wɔsrɛɛ no no maa wɔn, na Yesu deɛ, ɔyii no mae sɛdeɛ wɔpɛ.

Yerusalem mmaa

26 Yesu wuo

44Na ɛbɛyɛ awia dummienu no, esum duruu asase nyinaa so de kɔsii awia nnɔnmmiɛnsa.

45Eks 36.35 Na owia duruu sum; na asɔredan mu ntoma a ɛtwa mfimfini no mu teeɛ.

46Dwom 31.5; Aso 7.59 Na Yesu de nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Agya, wo nsam na mede me honhom mehyɛ! Na ɔkaa saa no, ɔgyaa mu.

Ne wuo ka nkurɔfokuo no

47Na asraafoɔ ɔha so panin no hunuu deɛ asie no, ɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam sɛ: Ampa ara, onipa yi yɛ onipa tenenee.

48Na nkurɔfoɔ akuakuo a wɔbaa hɔ bɛhwɛɛ adeɛ no nyinaa hunuu deɛ asie no, wɔbobɔɔ wɔn koko so, sane kɔe.

49Luka 8.2-3 Na n’amannifoɔ nyinaa ne mmaa a wɔdii n’akyi firi Galilea no abɛgyina akyirikyiri rehwɛ nnoɔma yi.

Yesu sie(Mateo 27.57-61; Marko 15.42-47; Yohane 19.38-42)

50Na hwɛ, ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yosef a ɔyɛ badwani na ɔyɛ onipa pa na ɔtene

51Luka 2.25; 2.38 no deɛ, wampene wɔn agyina ne wɔn nneyɛɛ no so. Ɔfiri Yudafoɔ kuro Arimatea mu, na ɔno ara nso retwɛn Nyankopɔn ahennie no.

52Ɔno na ɔkɔɔ Pilato nkyɛn kɔsrɛɛ no Yesu amu no.

53Na ɔkɔyii amu no kyekyeree no nwera mu, na ɔde kɔtoo ɛda a wɔatwa no ɔboɔ mu, a onipa bi nnaa mu da mu.

54Na da no yɛ ahosiesie da, na homeda rebɛn.

55Luka 23.49 Na mmaa no nso a wɔne no firi Galilea baeɛ no dii akyire kɔhwɛɛ ɛda no ne sɛdeɛ wɔde n’amu no too hɔ faeɛ.

56Eks 20.10 Na wɔsane bɛsiesiee nnuro ne ngo hwamhwam.

Na homeda no, wɔyɛɛ komm homee sɛdeɛ mmara no teɛ no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help