Deuteronomium 33 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Mose hyira Israel

1 ma wɔn wɔ ne nifa mu.

3Aane, ɔdɔ ne man,

n’akronkronfoɔ nyinaa wɔ ne nsam.

Na wɔn deɛ, wɔtete wo nan ase

na wɔtie w’asɛm.

4Mmara na Mose hyɛɛ yɛn,

Yakob badwa agyapadeɛ;

5 Eks 15.18; Yes 44.2; Eks 19.7-8 na ɔyɛɛ Yesurun mu hene,

ɛda a ɔman no atitire hyiaeɛ

na Israel mmusuakuo nyinaa hyiaa faako no.

6Ruben nnya nkwa na ɔnnwu,

na ne mmarima nso mma wɔn ase nhye.

7Na Yuda nso deɛ nie, ɔse:

O AWURADE, tie Yuda nne,

na fa no kɔ ne man nkyɛn;

ma wo nsa nko mma no,

na yɛ no ɔboafoɔ firi n’ahohiahiafoɔ nsam.

8 Eks 28.30; Eks 17; Num 20 Na Lewi ho deɛ, ɔkaa sɛ:

Wo nokorɛ ne wo hann wɔ wo hotefoɔ no,

deɛ wosɔɔ no hwɛɛ Masa hɔ

na wo ne no ham Meriba asuo ho no.

9 Mat 10.37; Eks 32.26-29 Ɔno a ɔkaa wɔ n’agya ne ne na ho sɛ:

Menni wɔn!

Na wammu ne nuanom,

na ɔpoo ne mma.

Na wɔdi wo nsɛm so,

na wɔkora w’apam;

10wɔde w’atemmudeɛ bɛkyerɛ Yakob,

na wɔde wo mmara akyerɛ Israel;

wɔde aduhwam bɛtua wo hwene ano,

na wɔde afɔdeɛ amuamu abɛgu w’afɔrebukyia so.

11AWURADE, hyira n’ahonyadeɛ so,

ma ne nsa ano adwuma nsɔ w’ani;

bobɔ wɔn a wɔsɔre tia no no dwonku,

ne wɔn a wɔtane no, na wɔansɔre bio.

12Benyamin ho nso, ɔkaa sɛ:

AWURADE dɔfo bɛtena ne nkyɛn dwoodwoo;

ɔkata ne so daa nyinaa,

na ɔbɛtena ne mmatiri so.

13Na Yosef ho nso, ɔkaa sɛ:

AWURADE nhyira n’asase;

ɔmma no ɔsoro nnepa,

obosuo ne ebunu a ɛtrɛtrɛ aseɛ no deɛ,

14ne owia mu nnɔbaeɛ nnepa,

ne deɛ asrane ma no fifire mu nnepa,

15ne tete mmepɔ atifi

ne daapem nkokoɔ nnepa,

16 Eks 3.2; Gye 49.26 ne asase ne ne mayɛ mu nnepa,

na deɛ ɔte nkyɛkyerɛ no mu no anisɔ;

ɔmma no mmra Yosef atifi,

ne ne nuanom mu hotuafoɔ no mpampam.

17Ne nantwinini abakan, animuonyam wɔ no,

na n’abɛn yɛ ɛkoɔ abɛn;

ɛno na ɔde bɛsunsum aman nyinaa

aguo akɔduru asase ano.

Na wɔn ne Efraim apedu no,

Manase mpempem ne no.

18Na Sebulon ho nso, ɔkaa sɛ:

Sebulon, ma w’ani nnye w’adifire mu,

ne Isakar, wo ntomadan mu.

19Wɔbɛfrɛ aman akɔ bepɔ no so,

ɛhɔ na wɔbɛbɔ tenenee afɔdeɛ;

na wɔbɛfefe ɛpo mu mmorosoɔ

ne anwea mu ademudeɛ a ahunta.

20Na Gad ho nso, ɔkaa sɛ:

Nhyira ne deɛ ɔtrɛ Gad mu;

ɔbutu hɔ sɛ gyatabereɛ,

ɔtete basa ne mpampam;

21 Num 32 ɔno na ɔyii deɛ ɛdi kan faeɛ,

na ɛhɔ na wɔakora mmarahyɛfoɔ no kyɛfa;

na ɔnam di ɔman no atitire mu,

ɔyɛ AWURADE teneneedeɛ

ne n’atemmudeɛ wɔ Israel.

22Na Dan ho nso, ɔkaa sɛ:

Dan yɛ gyataburuwa,

ɔhuri firi Basan.

23Na Naftali ho nso, ɔkaa sɛ:

Naftali a anisɔ amee no

na AWURADE nhyira ayɛ no ma,

fa ɛpo ne ahuhuro asase no di so.

24Na Aser ho nso, ɔkaa sɛ:

Ma wɔmfa mma nhyira Aser,

ɔnyɛ deɛ ɔsɔ ani ne nuanom mu,

na ɔmfa ne nan mmɔ ngo mu.

25Dadeɛ ne kɔbere mfrafraeɛ nyɛ w’adaban,

sɛ wo nna teɛ no, saa na w’ahoɔden nyɛ.

26 Yes 44.2 Obi nni hɔ a ɔte sɛ Yesurun Nyankopɔn!

Ɔnam soro di boa wo,

ɔde ne kɛseyɛ nam mununkum mu.

27Tete Nyankopɔn ne wo tenabea,

na aseɛ na daapem abasa no wɔ.

Na ɔbɛpamo ɔtamfoɔ w’anim,

na waka sɛ: Dwɛre wɔn.

28 Num 23.9 Na Israel bɛtena hɔ dwoodwoo,

Yakob asubura no nkutoo,

ɔbɛtena aburoo ne nsa asase so;

ne soro nso bɛsosɔ obosuo.

29 Deut 4.7-8; Dwom 33.12; 144.15 Nhyira ne wo, Israel, hwan na ɔte sɛ woɔ,

ɔman a wɔanya AWURADE mu nkwagyeɛ!

Ɔyɛ wo mmoa kyɛm,

na ɔyɛ wo kɛseyɛ nkrantɛ.

W’atamfo bɛwae ama wo,

na wo deɛ, wobɛtiatia wɔn sorɔnsorɔmmea so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help