1Monyi AWURADE ayɛ!
Monyi AWURADE ayɛ mfiri soro,
monyi no ayɛ sorosoro.
2 Dwom 103.20-22 N’abɔfoɔ nyinaa, monyi no ayɛ,
n’asafo nyinaa, monyi no ayɛ.
3Owia ne ɔsrane, monyi no ayɛ,
nsoromma a ɛhran nyinaa, monyi no ayɛ.
4Mo soro mu soro, monyi no ayɛ,
ɛne mo asuasu a ɛwɔ ɔsoro soɔ.
5 Dwom 33.9 Ma wɔnyi AWURADE din ayɛ,
na ɔno na ɔhyɛeɛ na wɔbɔɔ wɔn;
6na ɔde wɔn tintim hɔ daa daa,
wahyɛ ahyɛdeɛ a obi ntra.
7Monyi AWURADE ayɛ mfiri asase so,
nsuboa ahodoɔ ne abunu nyinaa;
8ogya ne asukɔtweaa, sukyerɛmma ne huruhuro,
ahum a ɛyɛ deɛ n’asɛm seɛ:
9Mmepɔ ne nkokoɔ nyinaa,
nnua a ɛsoɔ ne ntweneduro nyinaa,
10wiram mmoa ne afieboa nyinaa,
mmoa a wɔwea ne ntakraboa.
11Asase so ahemfo ne aman nyinaa,
atitire ne asase so atemmufoɔ nyinaa,
12mmeranteɛ ne mmabaa nso,
mpanin ne mmɔfra:
13Wɔnyi AWURADE din ayɛ,
sɛ ne din nko na ɛso;
n’animuonyam tra asase ne ɔsoro so.
14 Dwom 132.17 Na wama abɛn so ama ne man,
ama n’ahotefoɔ nyinaa ayeyie,
ama Israel mma, ɔman a wɔbɛn no no.
Monyi AWURADE ayɛ!
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
