Daniel 3 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Nebukadnessar sika honi

1Ɔhene Nebukadnessar yɛɛ sika honi a ne tentene yɛ basafa dunum, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa baako ne fa. Ɔde sii Dura asaseta so wɔ Babel asase so.

2Na Ɔhene Nebukadnessar somaa sɛ wɔnkɔhyiahyia amantam ahemfo, mmakoma ne amradofoɔ, atemmufoɔ mpanin, nsannaafoɔ, mmaratwerɛfoɔ, atemmufoɔ ne nsase no so atumfoɔ nyinaa sɛ wɔmmra na wɔnna ohoni a Ɔhene Nebukadnessar de sii hɔ no adi.

3Ɛnna amantam ahemfo, mmakoma ne amradofoɔ, atemmufoɔ mpanin, nsannaafoɔ, mmaratwerɛfoɔ, asennifoɔ ne nsase no so atumfoɔ nyinaa bɛhyiaa sɛ wɔrebɛda ohoni a Ɔhene Nebukadnessar de sii hɔ no adi, na wɔbɛgyinaa ohoni a Nebukadnessar de sii hɔ no anim.

4Na ɛsɛn bi teaa mu denden sɛ: Mo, nkurɔfoɔ, aman ne kasa ahodoɔ, wɔka kyerɛ mo sɛ:

5Ɛberɛ a mobɛte abɛn, odurugya sankuo, sambuka sankuo, bɛnta, atɛntɛbɛn ne nsanku ahodoɔ nyinaa gyegyeɛ no, monhwe fam nsɔre sika honi a Ɔhene Nebukadnessar de asi hɔ no.

6Na deɛ ɔrenhwe ase nsɔre no, dɔn no ara mu wɔde no bɛto ogya a ɛrefranam fononoo mu.

7Saa nti berɛ a wɔtee abɛn, odurugya, sankuo, sambuka sankuo bɛnta, atɛntɛbɛn ne nsankuo ahodoɔ nyinaa no gyegyeɛ ara pɛ no, aman, nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ no nyinaa hwehwee ase sɔree sika honi a Ɔhene Nebukadnessar de asi hɔ no.

Mmarima baasa wɔ ogya fononoo mu

8Saa berɛ no ara mu Kaldeafoɔ bi kɔtoatoaa Yudafoɔ no;

9kyerɛɛ Ɔhene Nebukadnessar sɛ: Ɔhene nnya nkwa daa!

10Dan 6.12 Wo na woahyɛ mmara sɛ onipa biara a ɔbɛte abɛn, odurugya, sankuo, sambuka sankuo, bɛnta, atɛntɛbɛn ne nsankuo ahodoɔ nyinaa gyegyeɛ no, ɔnhwe ase nsɔre sika honi no,

11na deɛ wanhwe ase ansɔre no, wɔde no bɛto ogya a ɛrefranam fononoo mu:

12Dan 2.49 Ɔhene, Yudafoɔ bi wɔ hɔ a wode wɔn asisi Babel asase mu nsɛm so ahwɛfoɔ, Sadrak, Mesak ne Abed-Nego; mmarima yi mmu wo, wɔnsom w’anyame, na wɔnsɔre sika honi a wode asi hɔ no.

13Ɛnna Nebukadnessar de abufuo ne anibereɛ kaa sɛ wɔnkɔfa Sadrak, Mesak ne Abed-Nego mmra. Na wɔde mmarima yi baa ɔhene anim.

14Nebukadnessar bisaa wɔn sɛ: Sadrak, Mesak ne Abed-Nego, moboapa na monsom m’anyame, na monsɔre sika honi a mede masi hɔ no anaa?

152 Ah 18.35 Afei deɛ, sɛ moasiesie mo ho sɛ berɛ a mobɛte abɛn, odurugya, sankuo, sambuka sankuo, bɛnta, atɛntɛbɛn ne nsankuo ahodoɔ nyinaa gyegyeɛ no, mobɛhwe ase asɔre ohoni a mayɛ a, ɛyɛ na sɛ moansɔre no a, dɔn no ara mu wɔde mo bɛgu ogya a ɛrefranam fononoo no mu, na onyame bɛn na ɔbɛyi mo afiri me nsam?

16Sadrak, Mesak ne Abed-Nego buaa Ɔhene Nebukadnessar sɛ: Ɛnhia yɛn sɛ yɛbɛbua wo yei ho asɛm biara.

17Dwom 66.12 Hwɛ, yɛn Nyankopɔn a yɛsom no no bɛtumi ayi yɛn afiri ogya a ɛrefranam fononoo no mu, na ɔbɛgye yɛn afiri wo, ɔhene, nsam.

18Eks 20.3-5 Na sɛ amma saa mpo a, ɔhene, hunu sɛ yɛrensom w’anyame, na yɛrensɔre sika honi a wode asi hɔ no.

19Ɛno na abufuhyeɛ hyɛɛ Nebukadnessar ma, na n’anim tebea sakyera tiaa Sadrak, Mesak ne Abed-Nego; ɔkaa sɛ wɔmma fononoo no mu nnɔ mprɛnson nkyɛne deɛ daa ɛyɛ no.

20Na ɔhyɛɛ mmarima bi, ne dɔm mu mmarima ahoɔdenfoɔ, sɛ wɔnkyekyere Sadrak, Mesak ne Abed-Nego mfa wɔn nkɔgu ogya a ɛrefranam fononoo no mu.

21Ɛnna wɔkyekyeree mmarima yi, wɔn ntwontwo, togase, wɔn ntadeɛ ne wɔn mmotire ne wɔn ntoma mu, na wɔtoo wɔn guu ogya a ɛrefranam no mu.

22Na ɛsiane sɛ ɔhene asɛm no mu yɛ den, na fononoo no adɔ hyehyeehye aboro soɔ no nti, mmarima a wɔde Sadrak, Mesak ne Abed-Nego kɔforoeɛ no, ogyaframa no kumm wɔn.

23Na mmarima baasa yi, Sadrak, Mesak, ne Abed-Nego a wɔakyekyere wɔn no hwehwee ogya a ɛrefranam fononoo no mu.

24Ɛnna Ɔhene Nebukadnessar ho dwirii no, na ɔsɔre ntɛmntɛm, na ɔbisaa n’agyinatufoɔ no sɛ: Ɛnyɛ mmarima baasa na yɛkyekyeree wɔn guu ogya no mu? Wɔbuaa ɔhene no sɛ: Ampa, ɔhene.

25Yes 43.2; Dan 3.28 Ɔkaa sɛ: Hwɛ, mehunu mmarima baanan a wɔasane wɔn sɛ wɔnenam ogya no mu, na wɔn ho ntɔɔ kyema, na deɛ ɔtɔ so nnan no tebea te sɛ anyame ba bi.

26Ɛnna Nebukadnessar bɛn ogya a ɛrefranam fononoo no mu no ano na ɔkaa sɛ: Sadrak, Mesak ne Abed-Nego, ɔsorosoro Nyankopɔn nkoa, momfiri adi mmra! Ɛnna Sadrak, Mesak ne Abed-Nego firii adi firii ogya no mu.

27Heb 11.34 Na amantam ahemfo, mmakoma ne amradofoɔ ne ɔhene agyinatufoɔ hyia bɛhwɛɛ mmarima yi, sɛ ogya annya wɔn honam so tumi, na wɔn tiri so nwi anhyeɛ, na wɔn ntwontwo ansakyera, na ogya no ho hwa amfa wɔn ho.

28 Dan 6.22 Nebukadnessar kaa sɛ: Nhyira ne Sadrak, Mesak ne Abed-Nego Nyankopɔn a wasoma ne bɔfoɔ, na wabɛyi ne nkoa a wɔde wɔn ho too ne soɔ na wɔsakyeraa ɔhene asɛm na wɔde wɔn honam maeɛ, deɛ ɛbɛyɛ na wɔrensom na wɔrensɔre anyame biara sɛ wɔn Nyankopɔn.

29Dan 2.47 Ne saa nti, mehyɛ mmara sɛ ɔman, nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ nyinaa mu biara a ɔka Sadrak, Mesak ne Abed-Nego Nyankopɔn ho abususɛm no, wɔbɛtwitwa no asinasini, na wɔama ne fie adane amamfo, ɛfiri sɛ onyame biara nni hɔ a ɔbɛtumi agye onipa seyie.

30Ɛnna ɔhene maa Sadrak, Mesak ne Abed-Nego dii yie Babel asase soɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help