Adiyisɛm 14 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Adwammaa no ne ne nkurɔfoɔ

1 Adi 7.4; 3.12 Na mehunui, na hwɛ, Adwammaa no gyina Sion bepɔ so, na mpem ɔha aduanan nnan a wɔatwerɛtwerɛ ne din ne n’Agya din wɔ wɔn moma soɔ no ka ne ho.

2Adi 1.15 Na metee nne bi firi soro te sɛ nsuo bebree nne, ne aprannaa kɛseɛ nne. Na ɛnne a meteeɛ no te sɛ sankubɔfoɔ a wɔrebɔ wɔn asankuo.

3Adi 5.9 Na wɔtoo dwom foforɔ bi, ahennwa ne ateasefoɔ baanan ne mpanimfoɔ no anim, na obiara antumi ansua dwom no, gye mpem ɔha aduanan nnan a wɔagye wɔn afiri asase soɔ no nko.

4 2 Ko 11.2; Efe 5.27; Adi 5.9 Yeinom ne wɔn a wɔamfa mmaa angu wɔn ho fi, na wɔyɛ mmabunu, wɔn na wɔdi Adwammaa no akyire baabiara a ɔkorɔ. Yeinom na wɔagye wɔn nkwa afiri nnipa mu ayɛ wɔn aba a ɔdi kan ama Onyankopɔn ne Adwammaa no,

5na wɔanhunu atorɔ bi wɔ wɔn anomu; na wɔnni dɛm.

Abɔfoɔ baasa no

6 Adi 8.13 Na mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ a ɔtu nam soro mfimfini a ɔkura daa asɛmpa bi rekɔka akyerɛ wɔn a wɔte asase soɔ, ne aman ne mmusuakuo ne kasa ne nkurɔfoɔ nyinaa,

7na ɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Monsuro Onyankopɔn na monhyɛ no animuonyam, ɛfiri sɛ n’atemmuo dɔn adu. Na monkoto deɛ ɔyɛɛ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne asutire no.

8 Adi 18.2; Yes 21.9; Yer 51.7-8 Na ɔbɔfoɔ foforɔ a ɔtɔ so mmienu dii akyire kaa sɛ: Babel kɛseɛ no ahwe ase, ahwe ase, ɛfiri sɛ wama amanaman nyinaa anom n’adwamammɔ abufuo nsa no bi.

9 Adi 13.12-17 Na ɔbɔfoɔ foforɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa dii wɔn akyiri de nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Sɛ obi koto aboa no ne ne honi no, na ɔgye agyiraeɛ de si ne moma anaa ne nsa so a,

10Adi 16.19; Yer 25.15; Adi 19.20 ɔno ara na ɔbɛnom Nyankopɔn abufuo nsa a wɔahwie no gyenegyene agu n’abufuo kuruwa mu no bie, na wɔayɛ no ayayadeɛ, ogya ne sɔfe mu, abɔfoɔ kronkron ne Adwammaa no anim.

11Adi 19.3 Na wɔn ayayadeɛ wisie bɛforo soro daa daa, na wɔn a wɔbɛkoto aboa no ne ne honi, ne obiara a ɔbɛgye ne din agyiraeɛ no, rennya ɔhome awia ne anadwo.

12Adi 13.10; 12.17 Ɛha na ahotefoɔ boasetɔ wɔ, wɔn a wɔkura Nyankopɔn ahyɛdeɛ ne Yesu gyidie mu no.

Asase so Twaberɛ

13 Yes 57.2; Heb 4.10 Na metee ɛnne bi firii soro a ɛkaa sɛ: Twerɛ sɛ: Nhyira ne awufoɔ a wɔwu Awurade mu firi seesei rekorɔ yi. Honhom no se: Aane, wɔbɛhome afiri wɔn brɛ no mu; na wɔn nnwuma di wɔn akyi.

14 Dan 7.13; Mat 13.39; 13.41 Na mehunui, na hwɛ, omununkum fitaa, na obi a ɔte sɛ onipa ba te mununkum no so, na ɔbɔ sika abotire na ɔkura kantankrankyi nnamnnam bi.

15Yoel 3.13 Na ɔbɔfoɔ foforɔ firi asɔredan no mu de nne kɛseɛ teaa mu kyerɛɛ deɛ ɔte mununkum no soɔ no sɛ: To wo kantankrankyi twitwa, ɛfiri sɛ twaberɛ adu, na asase so nnoɔma ahoa.

16Na deɛ ɔte mununkum no soɔ no de ne kantankrankyi too asase so, na ɔtwitwaa asase so nnoɔma nyinaa.

17Na ɔbɔfoɔ foforɔ firi soro asɔredan no mu, na ɔno nso kura kantankrankyi nnamnnam.

18Adi 14.15 Na ɔbɔfoɔ foforɔ a ɔwɔ ogya so tumi firii afɔrebukyia mu de nne kɛseɛ teaa mu kyerɛɛ deɛ ɔkura kantankrankyi nnamnnam no sɛ: To wo kantankrankyi nnamnnam no twitwa asase so bobe asiasia, ɛfiri sɛ n’aba no abere.

19Adi 19.15 Na ɔbɔfoɔ no de ne kantankrankyi no too asase so, na ɔtwitwaa asase so bobe aba, na ɔde kɔguu Nyankopɔn abufuo nsa-kyi-amena kɛseɛ no mu.

20Yes 63.3 Na wɔtiatiaa nsa-kyi-amena no so kuro no akyi, na mogya firii nsa-kyi-amena no mu kɔduruu apɔnkɔ nnareka ho, tenee nkwansimma apem ahansia.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help