Nehemia NHYƐNMU - New Revised Asante Twi Bible(ASW)
NHYƐNMUWɔtumi kyɛ Nehemia nwoma no mu nnan: Ɛfa a ɛdi kan no fa soma a Persia ɔhempɔn somaa Nehemia sɛ ɔnkɔdi Yuda so. Ɔfa a ɛtɔ so mmienu no fa to a ɔkɔtoo Yerusalem afasuo a abubuo no. Ɔfa a ɛtɔ so mmiɛnsa no ka Onyankopɔn mmara nsɛm a Esra kenkanee wɔ nidie ne obuo kwan so, ne ɔman no bɔne a wɔpae mu kaeɛ no. Na ɛfa a ɛtɔ so nnan no fa nnoɔma ahodoɔ a Nehemia yɛeɛ sɛ Yuda Amrado no ho.Nwoma no mu asɛm titire a ɛsɛ sɛ wɔhyɛ no nso ne to a Nehemia de ne ho too Onyankopɔn so korakora bɔɔ no mpaeɛ daa no.EMU NSƐMNehemia sane kɔ Yerusalem 1.1—2.20Wɔto Yerusalem Afasuo no foforɔ 3.1—7.73Wɔkenkan mmara nsɛm no na wɔhyɛ apam no mu den 8.1—10.39Nnoɔma a Nehemia yɛe 11.1—13.31