1 Dwom 26.1 O Onyankopɔn, bu me bem,
na wo ne ɔman a ɛnyɛ no nni asɛm mma me.
Gye me firi nkontomponi ne omimfoɔ nsam.
2 Dwom 42.9 Na wone me dwane kɔtoa Nyankopɔn,
adɛn nti na woto me twene?
Adɛn nti na ɔtamfoɔ hyɛ a ɔhyɛ me soɔ nti
memfa awerɛhoɔ mennanteɛ?
3 Dwom 15.1 Ma wo hann ne wo nokorɛ
mmɛgya me,
na ɛmfa me nkɔ wo bepɔ kronkron so
ne wo tenabea.
4 Dwom 63.5 Na makɔ Nyankopɔn afɔrebukyia ho,
m’ahurisie anigyeɛ Nyankopɔn nkyɛn,
na mede sankuo mada wo ase,
Onyankopɔn, me Nyankopɔn.
5 Dwom 42.5, 11 Me kra, adɛn na woaboto sɛɛ,
na wosi apini wɔ me mu?
Fa w’ani to Nyankopɔn so, na mɛda so mayi no ayɛ,
sɛ ɔyɛ m’anim boafoɔ ne me Nyankopɔn.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
