Nnwom 103 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Me kra, hyira AWURADE!Dawid deɛ.

1Me kra, hyira AWURADE,

na me mu adeɛ nyinaa nhyira ne din kronkron.

2Me kra, hyira AWURADE,

na mma wo werɛ mmfiri ne nneyɛɛ pa nyinaa.

3 Dwom 32.1 Ɔno na ɔde wo mfomsoɔ nyinaa kyɛ woɔ,

na ɔsa wo nyarewa nyinaa.

4 Dwom 5.12 Ɔgye wo nkwa firi Amena mu,

ɔde adɔeɛ ne mmɔborɔhunu bɔ wo abotire.

5 Yes 40.31 Ɔde adepa hyɛ w’afono ma

na wo mmeranteberɛ yɛ foforɔ sɛ ɔkɔdeɛ.

6AWURADE di asɛntenenee,

na ɔbu atɛn gye wɔn a wɔhyɛ wɔn soɔ nyinaa.

7 Eks 33.13 Ɔde n’akwan kyerɛɛ Mose,

ɔmaa Israel mma hunuu ne nneyɛɛ.

8 Eks 34.6; Dwom 86.15 Mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ ne AWURADE,

ne bo kyɛre fu, na n’adɔeɛ dɔɔso.

9 Yes 57.16 Ɔrenham nkɔsi daapem,

na ɔrennya yɛn menasepɔ nkɔsi daa.

10Ɔnsusu yɛn bɔne so ne yɛn nni,

na ɔnhwɛ yɛn mfomsoɔ nhyɛ yɛn ananmu.

11 Dwom 33.6 Na sɛ ɔsoro ware sene asase no,

sɛ n’adɔeɛ so, wɔn a wɔsuro no soɔ ne no.

12Sɛ apueeɛ ne atɔeɛ ntam ware no,

sɛ wama yɛn ne yɛn mmarato ntam aware ne no.

13Sɛ agya yam hyehye no ne mma ho

no, sɛ AWURADE yam yɛ no wɔn a wɔsuro no ho ne no.

14 Hiob 10.9; Gye 2.7; 3.19 Na ɔnim yɛn su,

ɔkae sɛ yɛyɛ mfuturo.

15 Dwom 90.5-6; 1 Pe 1.24-25 Ɔdasani deɛ, ne nna te sɛ ɛserɛ,

ɔyɛ frɔmm sɛ wiram nhwiren.

16Sɛ mframa bɔ fa ne so a, na ɔnni hɔ,

na ne sibea nni no bio.

17 Kwa 3.22; Luka 1.50 Na AWURADE adɔeɛ firi daa kɔ daa,

wɔn a wɔsuro no so,

na ne tenenee wɔ hɔ ma mma mma,

18ma wɔn a wɔdi n’apam soɔ,

na wɔkae n’ahyɛdeɛ sɛ wɔbɛyɛ.

19AWURADE de n’adwa asi soro,

na n’ahennie di ade nyinaa so.

20 Dwom 29.1; Dan 7.10 AWURADE abɔfoɔ, monhyira no,

mo ahoɔden mu akatakyie a modi n’asɛm soɔ

na motie ne kasa no.

21AWURADE asafo nyinaa, monhyira no,

n’asomfo a moyɛ deɛ ɛsɔ n’ani no.

22 Dwom 148 AWURADE nnwuma nyinaa, monhyira no,

mmeammea a ɔdi tumi nyinaa.

Me kra, hyira AWURADE.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help