1Na wɔbɛnn Yerusalem, Betfage ne Betania a ɛwɔ Ngo Bepɔ ho no, ɔsomaa n’asuafoɔ no mu baanu,
2na ɔsee wɔn sɛ: Monkɔ akuraa a ɛda mo anim no ase. Na moduru hɔ pɛ a, mobɛhunu afunumu ba bi a wɔasa no homa a onipa biara ntenaa ne so da. Monsane no mfa no mmra.
3
Wɔbɛfrɛ me fie asɔrefie ama amanaman nyinaa?
Na mo deɛ, mode ayɛ adwotwafoɔ bɔn.
18Na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no teeɛ, na wɔhwehwɛɛ sɛdeɛ wɔbɛkum no; nso na wɔsuro no, ɛfiri sɛ na ne nkyerɛkyerɛ yɛ nkurɔfokuo no nyinaa nwanwa.
19Na adeɛ saeɛ no, ɔfirii kurom hɔ.
Borɔdɔma no wuo ne ho adesua20 Yesu tumi ho asɛmmisa(Mateo 21.23-27; Luka 20.1-8)
27Na wɔbaa Yerusalem bio. Na ɔnenam asɔrefie no, asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛfoɔ ne mpanimfoɔ no baa ne nkyɛn,
28na wɔbisaa no sɛ: Tumi bɛn na wode yɛ nnoɔma yi? Anaasɛ hwan na ɔmaa wo tumi sɛ yɛ yeinom?
29Na Yesu see wɔn sɛ: Mɛbisa mo asɛm baako, na mommua me, na mɛkyerɛ mo tumi ko a mede meyɛ yeinom:
30Yohane asubɔ no, ɛfiri soro anaasɛ ɛfiri nnipa? Mommua me!
31Na wɔdwendwenee kekaa wɔn mu sɛ: Sɛ yɛka sɛ ɛfiri soro a, ɔbɛka sɛ: Ɛnneɛ ɛdeɛn nti na moannye no annie?
32Anaasɛ yɛnka sɛ: Ɛfiri nnipa? Na wɔsuro nkurɔfokuo no, ɛfiri sɛ na nnipa nyinaa bu Yohane sɛ ɔyɛ odiyifoɔ ampa.
33Na wɔbua see Yesu sɛ: Yɛnnim. Na Yesu se: Me nso merenka tumi ko a mede meyɛ yeinom menkyerɛ mo.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
