1Ɛnna Hiob gyee AWURADE so sɛ:
2Mahunu sɛ wotumi ade nyinaa yɛ,
na wɔrensi wo tirimbɔ biara kwan.
3 Hiob 38.2; Mmb 28.13; 1 Yoh 1.9 Hwan ne deɛ ɔnni nimdeɛ,
na ɔhono afotuo ani yi?
Enti na mekaa deɛ mente aseɛ, anwanwadeɛ a ɛsene me a na mennim.
4 Hiob 38.3 Tie ɛ, na menkasa.
Mɛbisa wo, na woakyerɛ me.
5Sɛ aso teɛ nko na metee wo nka,
na afei deɛ, m’ani nso ahu wo.
6Saa nti na mepo me ho na menu me ho,
dɔteɛ ne nso mu.
7Na AWURADE kaa nsɛm yi kyerɛɛ Hiob wieeɛ no, AWURADE ka kyerɛɛ Temanni Elifas sɛ: Me bo afu wo ne wo mfɛfoɔ baanu no, ɛfiri sɛ moanka me ho asɛm a ɛtene sɛ m’akoa Hiob.
8Hes 14.14 Na afei momfa anantwinini nson ne adwennini nson, na monkɔ m’akoa Hiob nkyɛn, na monkɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma mo ho, na m’akoa Hiob mmɔ mo tiri so mpaeɛ, na ɔno nko ara anim na mɛhwɛ, na me ne mo anni no mo nkwaseasɛm so, ɛfiri sɛ moanka me ho asɛm tee sɛ m’akoa Hiob.
9Ɛnna Temanni Elifas ne Suhini Bildad ne Naamani Sofar sii mu kɔ kɔyɛɛ sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ wɔn no; na AWURADE tiee Hiob mpaebɔ.
10 Hiob 8.7 Na Hiob bɔɔ ne nnamfo no tiri so mpaeɛ no, AWURADE danee ne duamda no na AWURADE de adeɛ a Hiob nyaeɛ no nyinaa mmɔho mmienu maa no.
11Ɛnna ne nuanom mmarima nyinaa ne ne nuanom mmaa nyinaa ne wɔn a wɔni no kane nyinaa baa ne nkyɛn, na wɔne no bɛdidii wɔ ne fie, na wɔgyam no, na wɔkyekyeree ne werɛ, amaneɛ a AWURADE maa no baa ne soɔ nyinaa ho, na wɔn mu biara maa no sika dwetɛbena baako ne sika kaa baako.
12Na AWURADE hyiraa Hiob awieeɛ senee ne mfitiaseɛ, na ɔnyaa nnwan mpemdunan ne yoma mpemnsia ne anantwie mpamho apem ne mfunumu abereɛ apem.
13Na ɔnyaa mmammarima baason ne mmammaa baasa.
14Ne mmammaa no, ɔtoo ɔbaako din Yemima, na deɛ ɔdi soɔ no de Kesia, na deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no de Keren-hapuk.
15Num 27.8-11 Na wɔanhunu mmaa a wɔn ho yɛ fɛ sɛ Hiob mmammaa no asase no nyinaa so; na wɔn agya memaa wɔn agyapadeɛ wɔn nuanom mu.
16Na yei akyiri no, Hiob dii mfirinhyia ɔha aduanan, na ɔhunuu ne mma ne ne mma mma awoɔ ntoatoasoɔ nnan.
17Gye 25.8 Na Hiob wui, na wabɔ akora pa ara.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
