1Na ɔbarima bi wɔ hɔ a ɔfiri Efraim bepɔ soɔ a wɔfrɛ no Mika.
2Lew 5.1 Na ɔka kyerɛɛ ne na sɛ: Dwetɛ apem ne ɔha a wɔbɛfaeɛ, a wo deɛ, wobɔɔ ho dua na wokaa no m’aso mu nso no, hwɛ, dwetɛ no wɔ me nkyɛn, me na mefaeɛ. Na ne na kaa sɛ: AWURADE nhyira me ba.
3Na ɔdanee dwetɛ apem ne ɔha no maa ne na. Ne ne na kaa sɛ: Yie na mayi dwetɛ no afiri me nsam ayɛ no kronkron ama AWURADE, sɛ wɔmfa mma me ba, na wɔmfa nyɛ ohoni a wɔasene ne agudeɛ; enti nso mɛdane ama wo.
4Yes 40.19 Na ɔdanee dwetɛ no maa ne na bio. Na ne na faa dwetɛ ahanu de maa ogufoɔ, na ɔde yɛɛ senhoni ne agudeɛ, na ɛwɔ Mika fie.
5Ate 8.27 Nso na ɔbarima Mika no wɔ nyamefie, na ɔyɛɛ asɔfotadeɛ ne abusua ahoni, na ɔhyɛɛ ne mma mu baako sɔfoɔ, na ɔbɛyɛɛ ne sɔfoɔ.
6Ate 18.1; 19.1; 21.25 Nna no mu no, na ɔhene biara nni Israel, obiara yɛ deɛ ɛtene n’ani soɔ.
7 Ate 18.3 Na aberanteɛ bi wɔ hɔ a ɔfiri Betlehem Yuda, Yuda abusua bi mu; na ɔyɛ Lewini, na ɔkɔyɛɛ hɔ hɔhoɔ.
8Na ɔbarima no firii Betlehem Yuda kuro no mu sɛ ɔrekɔ baabiara a ɔbɛnya; na n’akwantuo no mu, ɔduruu Mika fie wɔ Efraim bepɔ so.
9Na Mika ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛhe na wofiri reba yi? Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Meyɛ Lewini a mefiri Betlehem Yuda, na menam merekɔtena baabiara a mɛnya.
10Na Mika ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛne me ntena ɛ, na yɛ me agya ne sɔfoɔ, na mɛma wo dwetɛ du afirinhyia ne atadeɛ baako ne w’aduane. Na Lewini no hyɛnee mu.
11Na Lewini no penee sɛ ɔne ɔbarima no bɛtena, na aberanteɛ no yɛɛ no sɛ ne mmammarima mu baako.
12Na Mika hyɛɛ Lewini no sɔfoɔ, na aberanteɛ no bɛyɛɛ ne sɔfoɔ, na ɔtenaa Mika fie.
13Na Mika kaa sɛ: Afei na mahunu sɛ AWURADE rebɛyɛ me yie sɛ manya Lewini a ɔdi me sɔfoɔ yi.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
