1 2 Sa 8 Na yei akyiri no, Dawid kunkumm Filistifoɔ, na ɔbrɛɛ wɔn ase, na ɔgyee Gat ne ɛho nkurowa Filistifoɔ nsam.
2Na ɔdii Moabfoɔ nso so, na Moabfoɔ danee Dawid nkoa a na wɔtua apeatoɔ ma no.
3Na Dawid dii Hadadeser, Soba a ɛhwɛ Hamat no hene so berɛ a ɔkɔɔ sɛ ɔrekɔsi nkaeɛ dum wɔ Eufrate asubɔnten no.
4Na Dawid gyee ne dɔm mu nteaseɛnam apem ne apɔnkɔsotefoɔ mpemnson ne anammɔn mufoɔ mpemaduonu, na Dawid twitwaa nteaseɛnam apɔnkɔ nyinaa nantin ntini, na ɔgyaa wɔn mu nteaseɛnam ɔha deɛ.
5Na Siriafoɔ a wɔwɔ Damasko baeɛ sɛ wɔrebɛboa Sobahene Hadadeser no, Dawid kumm Siriafoɔ mu nnipa mpemaduonu mmienu.
6Na Dawid de bansifoɔ sii Siriafoɔ a wɔwɔ Damasko no so, na Siriafoɔ danee Dawid nkoa a na wɔsoa ayɛyɛdeɛ ba. Na AWURADE maa Dawid dii nim baabiara a ɔkɔeɛ.
7Na Dawid gyee sika akyɛm a na Hadadeser nkoa kurakura no de baa Yerusalem.
81 Ah 7.15, 23 Na Dawid faa kɔbere mfrafraeɛ bebree pa firii Hadadeser nkuro Tibhat ne Kun mu de bae. Ɛno na Salomo de yɛɛ kɔbere mfrafraeɛ po ne adum ne kɔbere mfrafraeɛ nnoɔma nnoɔma no.
9Na Hamathene Tou tee sɛ Dawid aka Sobahene Hadadeser dɔm nyinaa aguo no,
10ɔsomaa ne ba Hadoram baa Ɔhene Dawid nkyɛn bɛkyeaa no hyiraa no, sɛ ɔne Hadadeser ako na waka no aguo nti, ɛfiri sɛ na Hadadeser ne Tou redi ako. Na ɔkura sika ne dwetɛ ne kɔbere mfrafraeɛ nnwinneɛ ahodoɔ nyinaa bae.
11Ɛnonom nso na Ɔhene Dawid yɛɛ no kronkron maa AWURADE. Na ɔhyiraa dwetɛ ne sika a ɔkɔsoa firii amanaman no nyinaa Edomfoɔ, Moabfoɔ ne Amon mma ne Filistifoɔ ne Amalekfoɔ mu no so.
12Na Seruia ba Abisai kumm Edomfoɔ mu nnipa mpemdunwɔtwe wɔ Nkyene-Bonhwa no mu.
13Na ɔde bansifoɔ sii Edomfoɔ so, na Edomfoɔ nyinaa danee Dawid nkoa. Na AWURADE maa Dawid dii nim deɛ ɔkɔeɛ nyinaa.
14Na Dawid dii Israel nyinaa so hene, na ɔbuu atemmusɛm ne asɛntenenee maa ne man nyinaa.
15Na Seruia ba Yoab na na ɔdi dɔm no soɔ. Na Ahilud ba Yehosafat ne ɔsɛnkaefoɔ.
161 Be 24.6 Na Ahitub ba Sadok ne Abiatar ba Abimelek ne asɔfoɔ. Na Sawsa ne ɔtwerɛfoɔ.
17Na Yehoiada ba Benaia di Keretifoɔ ne Peletifoɔ no so. Na Dawid mma na wɔdi kan wɔ n’ankɔbeafoɔ no mu.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.