1O, sɛ anka woyɛ me nuabarima,
a ɔnom me na nufoɔ ɛ!
Sɛ merehu wo borɔno so a, anka mɛfe w’ano,
nso obiara remmu me animtia.
2 Nmd 3.4 Anka mɛdi w’anim
de wo aba me na fie,
na woakyerɛkyerɛ me ɔdɔ,
na mama woanom nsa a wɔde aduhwam bi agu mu,
m’atoaa nsa no bi.
3 Nmd 2.6 Ne benkum hyɛ me tiri ase,
na ne nifa yɛ me atuu.
4 Nmd 2.7 Meka mo ntam, O Yerusalem mmammaa,
monnnyane ɔdɔ na monnhwanyane no,
gye sɛ ɔno ara pɛ ansa!
5Hwan ne ɔbaa yi a ɔforo firi ɛserɛ so reba
a ɔtwere ne dɔfoɔ yi?
Menyanee wo aprɛ no ase,
ɛhɔ na awoɔ kaa wo na woɔ,
ɛhɔ na wo wofoɔ kyemeeɛ.
6Fa me si w’akoma so sɛ nsɔanodeɛ,
fa me si wo basa so sɛ nsɔanodeɛ.
Na ɔdɔ yɛ den sɛ wuo,
ninkuntwe mu yɛ duru sɛ asamando,
ne nsramma yɛ ogya nsramma,
ogyaframa a ano yɛ den pa ara.
7Nsuo pii ntumi nnum ɔdɔ,
na nsubɔntene ntumi nsram so;
sɛ obi de ne fie adedodoɔ nyinaa ma
de tɔ ɔdɔ mpo a,
wɔremmu no hwee.
8Yɛwɔ onuabaa kumaa bi
a ɔmmobɔɔ nufoɔ.
Ɛdeɛn na yɛbɛyɛ ama yɛn nuabaa no
da a wɔbɛbisa n’aseɛ no?
9Sɛ ɔyɛ ɔfasuo a,
yɛbɛto ne so dwetɛ aban,
na sɛ ɔyɛ ɛpono a,
yɛde tweneduro ntaaboɔ bɛbram ne ho.
10Me deɛ, meyɛ ɔfasuo,
na me nufoɔ te sɛ aban atentene,
ɛno na meyɛɛ n’ani so sɛ
deɛ ɔde asomdwoeɛ ba.
11Salomo wɔ bobeturo bi Baal-hamon,
ɔde bobeturo no maa ahwɛfoɔ,
sɛ n’aba nti wɔn nyinaa mmema no dwetɛ apem apem.
12Me bobeturo a ɛyɛ me deɛ no wɔ m’anim;
apem no nyɛ wo deɛ, O Salomo,
na ahanu nyɛ n’aba ahwɛfoɔ deɛ.
13 Dwom 45.14 O wo a wote nturo no mu no,
wo mfɛfoɔ retie wo nne;
ma mentie ɛ!
14 Nmd 2.9 Fa ntɛm dwane, me dɔfoɔ,
na yɛ wo ho sɛ ɔtwe
anaa ɔforoteburuwa,
wɔ nnuhwam mmepɔ so.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
