Yosua 16 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Yosef ne Efraim asase no ahyeɛ

1Na deɛ ntonto no yi maa Yosef mma no firi Yeriko Yordan ano, Yeriko asuo apueeɛ, ɛserɛ a ɛfiri Yeriko kɔ Betel bepɔ soɔ no;

2na ɛfiri Betel de kɔ Lus, na ɛtwam kɔ Arkifoɔ hyeɛ so wɔ Atarot,

3na ɛsiane kɔ atɔeɛ, Yafletifoɔ hyeɛ ho de kɔsi anafoɔ Bet-horon hyeɛ so, na ɛde kɔ Geser, na ɛkɔpem mpoano.

4Na Yosef mma Manase ne Efraim nyaa wɔn agyapadeɛ.

5Na Efraimfoɔ no hyeɛ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ nie: Wɔn agyapadeɛ hyeɛ ne Atarot-adar apueeɛ de kɔsi atifi wɔ Bet-horon;

6na ɛhyeɛ no firi hɔ kɔ atɔeɛ wɔ Mikmetat, atifi fam, na ɛkonton kɔ apueeɛ wɔ Taanat-silo, na ɛsiane ho kɔ Yanoa apueeɛ,

7na ɛfiri Yanoa siane kɔ Atarot ne Naarat, na ɛka Yeriko, na ɛkɔpem Yordan ano.

8Ɛhyeɛ no firi Tapua kɔ atɔeɛ kɔsi Kana subonhwa mu, na ɛkɔpem mpoano. Yei ne Efraimfoɔ abusuakuo no agyapadeɛ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ;

9Yos 17.9 ne nkuro a wɔyiyi maa Efraimfoɔ wɔ Manasefoɔ agyapadeɛ mu no, nkuro no nyinaa ne ɛho nkuraa.

101 Ah 9.16 Nanso wɔantu Kanaanfoɔ a wɔte Geser no, na Kanaanfoɔ no atena Efraim mu de abɛduru nnɛ, na wɔayɛ nkoa a wɔde ɔsom adwuma yi toɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help