2 Ahemfo 20 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Hesekia yadeɛ ne n’ayaresa(Yesaia 38.1-8, 21-22; 2 Berɛsosɛm 32.24-26)

1

10Na Hesekia se: Ɛyɛ mmerɛ ma sunsum sɛ ɛsiane ntwedeɛ du, dabi, na ma sunsum no nsane n’akyi ntwedeɛ du.

11Ɛnna Odiyifoɔ Yesaia frɛɛ AWURADE, na ɔmaa sunsum no sane n’akyi ntwedeɛ du, Ahas owia dɔn so ntwedeɛ a asiane dada no so.

Asomafoɔ a wɔfiri Babel ba(Yesaia 39.1-8)

12Ɛberɛ no mu no, Babelhene Baladan ba Merodak-baladan soma maa wɔde nwoma ne ayɛyɛdeɛ brɛɛ Hesekia, ɛfiri sɛ ɔtee sɛ Hesekia yareeɛ.

13Na Hesekia tiee wɔn, na ɔkyerɛɛ wɔn n’akoradeɛ dan nyinaa, dwetɛ ne sika ne nnuhwam ne ngo pa ne n’akodeɛ dan nyinaa ne deɛ wɔhunu n’akoradeɛ mu nyinaa. Biribiara nni ne fie ne deɛ ɔdi soɔ nyinaa mu a Hesekia amfa ankyerɛ wɔn.

14Ɛnna Odiyifoɔ Yesaia baa Ɔhene Hesekia nkyɛn bɛbisaa no sɛ: Nnipa yi se sɛn, na ɛhe na wɔfiri baa wo nkyɛn yi? Na Hesekia se: Wɔfiri akyirikyiri asase bi so na ɛbaeɛ, wɔfiri Babel.

15Na ɔbisaa sɛ: Ɛdeɛn na wɔahunu wɔ wo fie? Na Hesekia buaa sɛ: Deɛ ɛwɔ me fie nyinaa, wɔahunu; biribiara nni m’akoradeɛ mu a mamfa mankyerɛ wɔn.

16Na Yesaia ka kyerɛɛ Hesekia sɛ: Tie AWURADE asɛm:

172 Ah 24.13-14 Hwɛ, nna bi reba a wɔbɛsoa deɛ ɛwɔ wo fie nyinaa ne deɛ w’agyanom akora de abɛsi nnɛ yi akɔ Babel; biribiara renka, AWURADE na ɔseɛ.

18Dan 1.3-4 Na wo mma a wɔfiri wo mu a woawo wɔn no mu binom, wɔbɛfa wɔn na wɔakɔyɛ Babel hene aban mu apiafoɔ.

191 Sa 3.18 Ɛnna Hesekia ka kyerɛɛ Yesaia sɛ: AWURADE asɛm a woaka no, ɛyɛ. Na ɔkaa sɛ: Ɛnyɛ sɛ asomdwoeɛ ne nokorɛ na ɛbɛwɔ hɔ me nna mu?

Hesekia ahennie ba awieeɛ(2 Berɛsosɛm 32.32-33)

20Na Hesekia ho nsɛm nkaeɛ ne ne mmaninneɛ nyinaa ne sɛdeɛ ɔyɛɛ tareɛ ne suka na ɔde nsuo no baa kuro no mu no, wɔatwerɛ no Yuda Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma no mu.

21Na Hesekia tii n’agyanom wɔ asamando, na ne ba Manase bɛdii n’adeɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help