Amos 1 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Amanaman no ateatea

1 Amos 7.14; 2 Ah 15.1; 14.23; Sak 14.5 Amos a ɔwɔ Tekoa nnwanyɛnfoɔ mu nsɛm a ɔhunuu no n’ani soɔ, Israel ho, ɛwɔ Yudahene Usia berɛ soɔ ne Israelhene Yeroboam a ɔyɛ Yoas ba berɛ soɔ, mfeɛ mmienu ansa na asasewosoɔ no reba nie.

2 Yer 25.30; Yoel 3.16 Na ɔse:

AWURADE firi Sion bobom,

na ɔfiri Yerusalem ma ne nne so;

na nnwanhwɛfoɔ adidibea no atwintwam,

na Karmel atifi akusa.

3 Yes 17.1-3 Sɛ AWURADE seɛ nie:

Damasko amumuyɛ ntoatoasoɔ nti

merennane n’asotwe no,

sɛ wɔde dadeɛ ayuporeɛadeɛ

dwerɛɛ Gilead nti.

4Na mɛto Hasael fie mu gya,

na ahye Ben-hadad aban denden no.

5 2 Ah 16.9 Na mɛbubu Damasko pono akyiri adaban,

na matwa wɔn a wɔte Awen bonhwa mu afiri hɔ,

ne ɔhempomakurani no afiri Bet-eden;

na wɔbɛtu Siria man akɔ Kir,

AWURADE na ɔseɛ.

6 2 Be 28.17-18; Yer 47.1 Sɛ AWURADE seɛ nie:

Gasa amumuyɛ ntoatoasoɔ nti

merennane n’asotwe no,

sɛ wɔtuu atukɔfoɔ ɔman mu

kɔɔ sɛ wɔde wɔn rekɔhyɛ Edom nsa nti.

7Na mɛto Gasa fasuo mu gya,

na ahye n’aban denden no;

8na mɛtwa emufoɔ afiri Asdod

ne ahempomakurani afiri Askelon,

na mɛdane me nsa atia Ekron,

na Filistifoɔ nkaeɛ ayera,

AWURADE Nyankopɔn na ɔseɛ.

9 Yes 23; Yoel 3.4; 1 Ah 5.12 Sɛ AWURADE seɛ nie:

Tiro amumuyɛ ntoatoasoɔ nti

merennane n’asotwe no,

sɛ wɔde atukɔfoɔ ɔman mu hyɛɛ Edom nsa,

na wɔankae anuanom apam no nti.

10Na mɛto Tiro fasuo mu gya,

na ahye n’aban denden no.

11 Yer 49.7; Deut 23.7; Oba 10 Sɛ AWURADE seɛ nie:

Edom amumuyɛ ntoatoasoɔ nti

merennane n’asotwe no,

sɛ ɔde afena tii ne nua,

na ne yam anhyehye no,

na n’abufuo sɛee adeɛ ara

na ɔyɛɛ n’abohuro no so adeɛ daa nti.

12Na mɛto Teman mu gya,

na ahye Bosra aban denden no.

13 Yer 49.1-6 Sɛ AWURADE seɛ nie:

Amonfoɔ amumuyɛ ntoatoasoɔ nti

merennane wɔn asotwe no,

sɛ wɔgu so retrɛ w’ahyeɛ mu no,

wɔpaepaee mpo Gilead anyinsɛnfoɔ mu,

14na mɛsɔ Raba fasuo mu gya,

na ahye n’aban denden no,

na wɔbɛte ɔko mu gyegyeegye,

na ɔko no bɛyɛ den sɛ ahumtuo da no kirididibɔ mu.

15Na wɔn hene bɛkɔ otukorɔ mu,

ɔno ne ne mmapɔmma bɛbom akɔ,

AWURADE na ɔseɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help